Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 10:27 - Twerɛ Kronkron

27 Deɛ meka mekyerɛ mo esum mu no, monka no hann mu, na deɛ mote no mo aso mu no, mompae mu nka no adan atifi.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

27 Nea mereka akyerɛ mo wɔ sum mu yi, monka wɔ hann mu. Nea mereka agu mo asom yi, mompae mu nka wɔ adan atifi.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

27 Deɛ meka mekyerɛ mo esum mu no, monka no hann mu, na deɛ mote no mo aso mu no, mompae mu nka no adan atifi.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

27 Deɛ mereka makyerɛ mo wɔ esum mu yi, monka wɔ hann mu. Deɛ mereka agu mo asom yi, mompae mu nka wɔ adan atifi.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

27 Nea meka mekyerɛ mo esum mu no, monka no hann mu, na nea mote no mo asom no, mompae mu nka no adan atifi.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 10:27
16 Referencias Cruzadas  

Adehunu bonhwa no ho atemmusɛm. Ɛdeɛn na ɛreyɛ woɔ na wo nnipa nyinaa aforo kɔ adan atifi yi?


Deɛ ɔwɔ ɔdan atifi no, mma no nnsiane mmmɛfa biribi mmfiri ne dan mu;


Enti biribiara a moaka no esum mu no, wɔbɛte no hann mu, na deɛ moaka no aso mu wɔ mpia mu no, wɔbɛpae mu aka wɔ adan atifi.


Na ɔse: Mo deɛ, wɔde ama mo sɛ monhunu Nyankopɔn ahennie mu ahuntasɛm no; na wɔn a aka deɛ, wɔde ama wɔn mmebuo mu, na wɔahunu, na wɔanhunu mu, na wɔate, nanso wɔante aseɛ.


Yeinom na maka makyerɛ mo na moansunti.


Na sɛ ɔno, nokorɛ Honhom no, nya ba a, ɔbɛkyerɛ mo kwan akɔ nokorɛ no nyinaa mu. Na ɛmfiri ɔno ara ne mu na ɔbɛkasa, na biribiara a ɔbɛteɛ no, ɔbɛka, na ɔbɛkyerɛ mo nnoɔma a ɛreba.


Yeinom na maka mo mmebuo mu; na berɛ no reba a merenkasa menkyerɛ mo mmebuo mu bio, na mɛka Agya no ho asɛm makyerɛ mo pefee.


N’asuafoɔ no see no sɛ: Hwɛ, afei deɛ, wokasa pefee, na wommu bɛ biara.


Enti hyiadan mu, na ɔne Yudafoɔ ne nyamesurofoɔ no yɛɛ nhwehwɛ mu dendeenden, na edwa mu nso daa na ɔne wɔn a ɔbɛto wɔn no dii anobaebaeɛ.


Monkɔ nkɔgyina asɔrefie nka nkwa yi nsɛm no nyinaa nkyerɛ ɔman no.


sɛ: Yɛammara mo ketee sɛ monnkyerɛkyerɛ din yi mu anaa? Na hwɛ, mode mo nkyerɛkyerɛ yi ahyɛ Yerusalem ma, na mopɛ sɛ mode onipa yi mogya ba yɛn soɔ.


Na sɛ yɛwɔ saa anidasoɔ yi nti, yɛde akokoɔduro kasa,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios