Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Mateo 1:11 - Twerɛ Kronkron

11 na Yosia woo Yekonia ne ne nuanom, ɛberɛ a wɔfaa wɔn nnommum kɔɔ Babel no mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Yosia woo Yekonia ne ne nuanom. Wɔwoo wɔn bere a na Yudafo te nnommum mu wɔ Babilon no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

11 na Yosia woo Yekonia ne ne nuanom, ɛberɛ a wɔfaa wɔn nnommum kɔɔ Babel no mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Yosia woo Yekonia ne ne nuanom. Wɔwoo wɔn ɛberɛ a na Yudafoɔ te nnommum mu wɔ Babilon no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 na Yosia woo Yekonia ne ne nuanom, bere a wotu kɔtenaa Babel no mu.

Ver Capítulo Copiar




Mateo 1:11
17 Referencias Cruzadas  

Yehoahas bɛdii hene no, na wadi mfirinhyia aduonu mmiɛnsa, na ɔdii hene abosome mmiɛnsa wɔ Yerusalem. Na ne na din de Hamutal a ɔyɛ Yeremia a ɔfiri Libna babaa.


Na ɔtuu Yerusalem nyinaa ne mmapɔmma nyinaa ne mmarima a wɔbɛtumi nyinaa kɔe, nnipa mpem du na ɔde wɔn kɔeɛ; adwumfoɔ ne atomfoɔ nyinaa ka ho, na wɔannya obiara, gye asase no so nkurɔfoɔ ahiafoɔ nko.


Na nkurɔfoɔ no nkaeɛ a wɔkaa kuro no mu, ne awaefoɔ a wɔwae kɔɔ Babel hene nkyɛn, ne nkurɔfoɔ yuu no mu nkaeɛ no, ankɔbeahene Nebusaradan tuu wɔn kɔe.


Na afe no duruiɛ no, Ɔhene Nebukadnessar soma maa wɔbɛfaa no ne AWURADE fie afɛfɛdeɛ nso kɔɔ Babel, na ɔde ne nua Sedekia sii Yuda ne Yerusalem so hene.


Na nkaeɛ a wɔantotɔ afena ano no, ɔtuu wɔn kɔɔ Babel na wɔkɔyɛɛ ɔno ne ne mma nkoa kɔsii Persia ahennie no kyekyerɛ,


Babel ho atemmusɛm a Amos ba Yesaia hunuiɛ nie:


nnoɔma a Babelhene Nebukadnessar tuu Yudahene Yekonia a ɔyɛ Yehoiakim ba ne Yuda ne Yerusalem mmapɔmma firi Yerusalem kɔɔ Babel no wamfa ankorɔ no,


Na ɔman no nkaeɛ a wɔkaa kuro no mu ne awaefoɔ a wɔwae baa ne nkyɛn ne ɔman no nkaeɛ a wɔkaeɛ no, Ankɔbeahene Nebusaradan tuu wɔn kɔɔ Babel.


Na wɔtwaa wɔn asu kɔtenaa Babel no akyiri no, Yekonia woo Sealtiel, na Sealtiel woo Serubabel,


Na awoɔ ntoatoasoɔ a ɛfiri Abraham so de bɛsi Dawid so nyinaa yɛ dunan, na ɛfiri Dawid so de bɛsi sɛ wɔfaa wɔn nnommum kɔɔ Babel no yɛ awoɔ ntoatoasoɔ dunan, na ɛfiri sɛ wɔfaa wɔn nnommum kɔɔ Babel no bɛsi Kristo soɔ no nso yɛ awoɔ ntoatoasoɔ dunan.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios