Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 9:50 - Twerɛ Kronkron

50 Nkyene yɛ; na sɛ nkyene dɛ tu firi mu a, ɛdeɛn na mode bɛhyɛ no nkyene? Monnya nkyene mo ara mo mu, na mone mo ho mo ho ntena asomdwoeɛ mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

50 “Nkyene yɛ dɛ, nanso sɛ nkyene yera ne dɛ a, ɛso nni mfaso bio; wonte ne dɛ wɔ biribiara mu. Enti monnyera mo dɛ. Mo ne mo ho mo ho ntena asomdwoe mu.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

50 Nkyene yɛ; na sɛ nkyene dɛ tu firi mu a, ɛdeɛn na mode bɛhyɛ no nkyene? Monnya nkyene mo ara mo mu, na mone mo ho mo ho ntena asomdwoeɛ mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

50 “Nkyene yɛ dɛ, nanso sɛ nkyene yera ne dɛ a, ɛho nni mfasoɔ; wonte ne dɛ wɔ biribiara mu. Enti, monnyera mo dɛ! Mo ne mo ho mo ho ntena asomdwoeɛ mu.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

50 Nkyene ye; na sɛ nkyene dɛ tu fi mu a, dɛn na mode bɛhyɛ no nkyene? Munnya nkyene mo ara mo mu, na mo ne mo ho mo ho ntena asomdwoe mu!

Ver Capítulo Copiar




Marko 9:50
28 Referencias Cruzadas  

Wɔdi aduane hunu a nkyene nni mu? Ɛdɛ bi wɔ kosua mu fufuo mu?


Hwɛ ɛyɛ a ɛyɛ ne fɛ a ɛyɛ sɛ anuanom bom tena faako.


Yi bɔne ho akwa, na yɛ papa, hwehwɛ asomdwoeɛ, na ti no.


na fa wɔn bra AWURADE anim, na asɔfoɔ no mfa nkyene ngu wɔn so, na wɔmfa wɔn mmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma AWURADE.


Mone asase so nkyene. Na sɛ nkyene dɛ yera a, ɛdeɛn na wɔde bɛhyɛ no nkyene? Ɛnyɛ mma hwee bio, gye sɛ wɔhwie gu, na nnipa tiatia so.


Na wɔmuaa wɔn ano; ɛfiri sɛ ɔkwan mu no wɔdwenwenee ho sɛ hwan ne wɔn mu ɔkɛseɛ.


Na wɔde ogya bɛhyɛ nnipa nyinaa nkyene. [Na wɔde nkyene bɛto afɔdeɛ nyinaa mu.]


Sɛ ɛbɛtumi a, mo fam deɛ, mo ne nnipa nyinaa ntena asomdwoeɛ mu.


Afei awieeɛ, anuanom, makra mo. Monyɛ pɛ, momma mo werɛ nkyekye, monnya adwene korɔ, montena asomdwoeɛ mu, na ɔdɔ ne asomdwoeɛ Nyankopɔn bɛdi mo akyi.


Na honhom aba ne ɔdɔ, anigyeɛ, asomdwoeɛ, abodwokyɛre, ayamyɛ, papayɛ, gyidie,


Mommma asɛm a ɛmfra biara mmfiri mo anomu, na mmom asɛm a ɛyɛ na ɛma nkɔsoɔ a ɛhia, na wɔde adom wɔn a wɔteɛ no.


Ɛnneɛ na momma mo abrabɔ mfata Kristo asɛmpa no nko ara, na sɛ meba na mebɛhu mo oo, sɛ menni hɔ oo, mate mo ho asɛm sɛ mogyina pintinn honhom korɔ mu, na mode adwene korɔ bɔ mu di apereɛ gyidie a ɛfiri asɛmpa no mu,


Enti ɛnam sɛ moyɛ nnipa a Onyankopɔn ayi mo, ahotefoɔ ne adɔfo yi, monhyɛ timmɔborɔ, ayamyɛ, ahobrɛaseɛ adwene, ɔdwoɔ ne abodwokyɛre.


Momma mo kasa ho mmra nyam daa a nkyene wɔ mu, na moahunu sɛdeɛ ɛsɛ sɛ mobua obiara.


na mommu wɔn papaapa ɔdɔ mu, wɔn adwuma nti. Montena asomdwoeɛ mu.


Dwane firi mmabunuberɛ mu akɔnnɔ ho, na di tenenee, gyidie, ɔdɔ ne asomdwoeɛ a ɛka wo ne wɔn a wɔfiri akoma a emu teɛ mu frɛ Awurade bɔ mu no akyi.


Monni mo ne nnipa nyinaa ntam asomdwoeɛ ne ahoteɛ a obi kwati a, ɔrenhunu Awurade no akyiri.


ɛfiri sɛ onipa abufuo nyɛ Nyankopɔn tenenee mu adeɛ.


N’awieeɛ ne sɛ mo nyinaa nnya adwenkorɔ, monhunu mmema mo ho, monnodɔ mo ho sɛ anuanom, mo yam nhyehye mo mmema mo ho, monnwene ahobrɛaseɛ adwene.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios