Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 9:41 - Twerɛ Kronkron

41 Na obiara a ɔbɛma mo nsuo kuruwa ma anom wɔ me din mu, sɛ moyɛ Kristo dea nti, nokorɛ mese mo sɛ: N’akatua remmɔ no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

41 Obiara a esiane sɛ, moyɛ Kristo de no nti ɔbɛma mo nsu kuruwa ma anom no akatua remmɔ no da.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

41 Na obiara a ɔbɛma mo nsuo kuruwa ma anom wɔ me din mu, sɛ moyɛ Kristo dea nti, nokorɛ mese mo sɛ: N’akatua remmɔ no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

41 Obiara a ɛsiane sɛ, moyɛ Kristo dea no enti, ɔbɛma mo nsuo kuruwa ma anom no, nʼakatua remmɔ no da.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

41 Na obiara a ɔbɛma mo nsu kuruwa ma anom wɔ me din mu, sɛ moyɛ Kristo dea no, nokware mise mo sɛ, n’akatua remmɔ no.

Ver Capítulo Copiar




Marko 9:41
11 Referencias Cruzadas  

Na obiara a ɔbɛma nketewa yi mu baako nsuonwunu kuruwa ma osuani din mu no, nokorɛ mese mo sɛ, n’akatua remmɔ no.


Na ɔhene bɛbua ase wɔn sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, sɛ moyɛ maa me nuanom nketewa yi mu baako yi, moyɛ maa me.


Na ɛkaa ɔno nko no, wɔn a wɔwɔ ne ho ne dummienu no bisaa no ɛbɛ no ase.


Na sɛ w’aduane nti wo nua werɛ ho a, ɛnneɛ ɛnyɛ ɔdɔ so na wonante bio. Mfa w’aduane nsɛe deɛ Kristo sii n’ananmu wuiɛ no.


Na mo deɛ, monni honam mu, na mmom mowɔ honhom mu, nanso gye sɛ Nyankopɔn honhom te mo mu. Na sɛ obi nni Kristo honhom a, ɔnyɛ ne dea.


Na obiara wɔ ne diberɛ; Kristo ne aduaba a ɛdi kan, ansa na wɔn a wɔyɛ Kristo dea, ne ba mu no, di hɔ,


na mo nso mowɔ Kristo, na Kristo nso wɔ Onyankopɔn.


Mohwɛ honam ani adeɛ anaa? Sɛ obi de ne ho to ne ho so sɛ ɔyɛ Kristo dea a, ma ɔno ara nnwene nso sɛ, sɛdeɛ ɔno yɛ Kristo dea no, sɛ nso yɛyɛ Kristo dea ne no.


Na sɛ moyɛ Kristo dea a, ɛnneɛ na moyɛ Abraham asefoɔ, na monam bɔhyɛ no so yɛ adedifoɔ.


Na wɔn a wɔyɛ Kristo Yesu dea no abɔ honam ne ne nhyɛsodeɛ ne n’akɔnnɔ asɛnnua mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios