Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 9:33 - Twerɛ Kronkron

33 Na wɔbaa Kapernaum. Na ɔwɔ fie no, ɔbisaa wɔn sɛ: Ɛdeɛn na modwenwenee ho ɔkwan mu no?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

33 Yesu ne nʼasuafo no baa Kapernaum. Bere a woduu ofi a wɔbɛtena mu no mu na wɔregye wɔn ahome no, Yesu bisaa nʼasuafo no se, “Yɛreba no dɛn akyinnye na na moregye wɔ ɔkwan so no?”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

33 Na wɔbaa Kapernaum. Na ɔwɔ fie no, ɔbisaa wɔn sɛ: Ɛdeɛn na modwenwenee ho ɔkwan mu no?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

33 Yesu ne nʼasuafoɔ no baa Kapernaum. Ɛberɛ a wɔduruu efie a wɔbɛtena mu no mu na wɔregye wɔn ahome no, Yesu bisaa nʼasuafoɔ no sɛ, “Yɛreba no, ɛdeɛn akyinnyeɛ na na moregye wɔ ɛkwan so no?”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

33 Na wɔbaa Kapernaum. Na ɔwɔ ofie no, obisaa wɔn sɛ: Dɛn na modwennwenee ho ɔkwan mu no?

Ver Capítulo Copiar




Marko 9:33
10 Referencias Cruzadas  

Na wɔduruu Kapernaum no, wɔn a wɔgyegye dwetɛbena fa toɔ no baa Petro nkyɛn sɛ: Mo kyerɛkyerɛfoɔ no ntua ɛtoɔ no anaa?


Na ntɛm ara a Yesu hunuu ne honhom mu sɛ wɔredwendwene wɔn mu saa no, ɔsee wɔn sɛ: Adɛn nti na modwendwene yeinom mo akoma mu?


ne Yuda Iskariot a ɔyii no maeɛ no.


na ɛnhia no sɛ obi di onipa ho adanseɛ; ɛfiri sɛ ɔno ara nim deɛ ɛwɔ onipa mu.


Ɔsee no ne mprɛnsa so sɛ: Simon, Yohane ba, wodɔ me? Ɛyɛɛ Petro awerɛho sɛ wabisa no mprɛnsa sɛ: Wodɔ me? Na ɔbuaa no sɛ: Awurade, wonim ade nyinaa, wonim sɛ medɔ wo. Yesu see no sɛ: Yɛne me nnwan!


Na abɔdeɛ biara nni hɔ a ɛnna adie Nyankopɔn anim, na ade nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue, deɛ yɛne no wɔ asɛm no anim.


Na mede owuo bɛkum ne mma, na asafo no nyinaa ahunu sɛ, mene deɛ ɔhwehwɛ adwene ne akoma mu, na mɛma mo mu biara sɛdeɛ mo nnwuma teɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios