Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 9:2 - Twerɛ Kronkron

2 Na ɛno akyiri nnansia no, Yesu faa Petro ne Yakobo ne Yohane, na ɔde wɔn kɔɔ bepɔ tentene bi so fa baabi. Na ɔsakyerae wɔ wɔn anim,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Nnansia akyi na Yesu faa Petro, Yakobo ne Yohane de wɔn kɔɔ bepɔw tenten bi atifi. Saa bere no na obiara nka wɔn ho. Ɛhɔ ara na Yesu anuonyam hyerɛn wɔ wɔn anim.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Na ɛno akyiri nnansia no, Yesu faa Petro ne Yakobo ne Yohane, na ɔde wɔn kɔɔ bepɔ tentene bi so fa baabi. Na ɔsakyerae wɔ wɔn anim,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Nnansia akyi, Yesu faa Petro, Yakobo ne Yohane de wɔn kɔɔ bepɔ tentene bi atifi. Saa ɛberɛ no, na obiara nni hɔ ka wɔn ho. Amonom hɔ ara, Yesu sakyerae animuonyam mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Na ɛno akyi nnansia no Yesu faa Petro ne Yakob ne Yohane, na ɔde wɔn kɔɔ bepɔw tenten bi so fa baabi. Na ɔsakrae wɔn anim,

Ver Capítulo Copiar




Marko 9:2
23 Referencias Cruzadas  

Na ɔhyehyɛɛ nnyina no, na ɔtwitwaa nantwinini no asinasini de guu nnyina no so kaa sɛ: Momfa nsuo nhyehyɛ nhina nnan amaama, na mommɛhwie ngu ɔhyeɛ afɔdeɛ ne nnyina no so!


Na Ahab foro kɔɔ sɛ ɔrekɔdidi na wanom. Na Elia deɛ, ɔforo kɔɔ Karmel atifi na ɔkotoo fam, na ɔde n’anim hyɛɛ ne nkotodwe ntam.


Na Mose sɔree, ɔne n’abɔfra Yosua, na Mose foro kɔɔ Nyankopɔn bepɔ no so.


W’ani bɛhunu ɔhene n’ahoɔfɛ mu, ɛbɛhunu asase a ɛtrɛ tɛtrɛtɛ.


Na ɔfifirii sɛ duforɔ n’anim, sɛ asase pɛsɛɛ mu nhini; ɔnni esu anaa animuonyam a ɛbɛma yɛahwɛ no, na ɔnni ahoɔfɛ a ɛbɛma yɛn ani agye ne ho.


Na Yesu teeɛ no, ɔtenaa kodoɔ mu firii hɔ kɔɔ ɛserɛ so, nkyɛn baabi. Na nkurɔfoɔ akuakuo no teeɛ no, wɔfirii nkuro so nam fam tii no.


Na ɔfaa Petro ne Yakobo ne Yohane kaa ne ho, na ne ho firii aseɛ hiahiaa no, na ne ho yeraa no.


Yeinom akyiri no, ɔyii ne ho adi suban foforɔ mu kyerɛɛ wɔn mu baanu a na wɔnam rekɔ akuraa.


Na wamma obiara anni n’akyi sɛ Petro, Yakobo ne Yakobo nua Yohane.


Na ɛbaa sɛ nna no mu ɔfirii adi kɔɔ bepɔ so mpaebɔ, na ɔbɔɔ Onyankopɔn mpaeɛ anadwo mu no nyinaa.


Na Asɛm no bɛyɛɛ honam, na ɔbɛsoeɛɛ yɛn mu, na yɛhunuu n’animuonyam sɛ Agya no Ba a ɔwoo no korɔ animuonyam, na adom ne nokorɛ ayɛ no ma.


Na monnyɛ mo ho sɛ wiase yi, na mmom momfa adwene mu foforɔyɛ nsakyera mo ho, na moasɔ deɛ Onyankopɔn pɛ a ɛyɛ, na ɛsɔ ani, na ɛyɛ pɛ no ahwɛ.


Mprɛnsa ni a mereba mo nkyɛn. Adansefoɔ baanu anaa baasa ano asɛm biara bɛgyina.


a ɔbɛsakyera yɛn ahobrɛaseɛ nipadua, sɛdeɛ n’ahoɔden adwuma a ɔde bɛtumi abrɛ nnoɔma nyinaa ase ahyɛ n’aseɛ no teɛ.


Na mehunuu ahennwa fitaa kokuroo ne deɛ ɔte soɔ a asase ne ɔsoro dwane firii n’anim; na wɔannya baabi amma wɔn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios