Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 8:33 - Twerɛ Kronkron

33 Na ɔdanee ne ho hwɛɛ n’asuafoɔ no kaa Petro anim sɛ: Firi me so, Satan, ɛfiri sɛ wonnwene Nyankopɔn deɛ, na mmom nnipa deɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

33 Yesu dan ne ho hwɛɛ nʼasuafo no kaa Petro anim se, “Fi me so, Ɔbonsam! Wʼadwene yɛ nea efi onipa na ɛnyɛ nea efi Onyankopɔn.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

33 Na ɔdanee ne ho hwɛɛ n’asuafoɔ no kaa Petro anim sɛ: Firi me so, Satan, ɛfiri sɛ wonnwene Nyankopɔn deɛ, na mmom nnipa deɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

33 Yesu danee ne ho hwɛɛ nʼasuafoɔ no, kaa Petro anim sɛ, “Firi me so, ɔbonsam! Wʼadwene yɛ deɛ ɛfiri onipa na ɛnyɛ deɛ ɛfiri Onyankopɔn.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

33 Na ɔdan ne ho hwɛɛ n’asuafo no kaa Petro anim sɛ: Fi me so, Satan, efisɛ wunnwen Onyankopɔn de, na mmom nnipa de.

Ver Capítulo Copiar




Marko 8:33
24 Referencias Cruzadas  

Na Dawid buaa sɛ: Ɛdeɛn na me ne mo Seruia mma wɔ yɛ, sɛ moyɛ sɛ atamfoɔ a wɔne me di asie nnɛ yi? Ɛnnɛ ɛsɛ sɛ wɔkum obi Israel anaa? Mennim sɛ ɛnnɛ mene Israel so hene anaa?


Na ɔbuaa no sɛ: Sɛdeɛ mmaa agyegyentwie no mu bi kasa na wokasa yi. Yɛagye Nyankopɔn hɔ adepa, na adebɔne na yɛrennye anaa? Yei nyinaa mu no Hiob amfa n’ano anyɛ bɔne.


Ma ɔteneneeni mmɔ me na ɔnka m’anim adɔeɛ so, ɛyɛ tire so ngo a me tiri rempoɔ, nanso amumuyɛfoɔ ngo deɛ, mma no ngu me tiri so, na me mpaebɔ ara na ɛda so tia wɔn nsɛmmɔne.


Ntane wo nua w’akoma mu; ka na ka wo yɔnko anim, na woansoa ne ho bɔne.


Nanso wammua no. Na n’asuafoɔ no ba bɛsrɛɛ no sɛ: Gya no kwan ma no nkɔ, na ɔreteateam di yɛn akyi.


Na ɔdanee ne ho see Petro sɛ: Firi me so, Satan! Woyɛ suntidua ma me, ɛfiri sɛ wonnwene Nyankopɔn deɛ, na mmom nnipa deɛ na wodwene.


Ɛnna Yesu see no sɛ: Firi hɔ, Satan! na wɔatwerɛ sɛ: Koto sɔre Awurade, wo Nyankopɔn, na ɔno nko ara na som no.


Na ɔtwaa n’ani hwɛɛ wɔn a wɔtete ne ho hyiaeɛ no, ɔkaa sɛ: Hwɛ, me na ne me nuanom nie!


Na ɔde abufuo hwɛɛ wɔn hyiae, na wɔn akomaden nti ɛyɛɛ no ya, na ɔsee onipa no sɛ: Tene wo nsa. Na ɔteneeɛ; na ne nsa no sane yɛɛ yie.


Na Awurade danee ne ho hwɛɛ Petro anim; na Petro kaee Awurade asɛm a ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnnɛ, akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa no.


Na Yesu buaa no sɛ: Wɔatwerɛ sɛ: Sɔre Awurade wo Nyankopɔn, na ɔno nko na som no!


Na ɔdanee ne ho kaa wɔn anim.


momfa onii no nhyɛ Satan nsa, na honam no nsɛe, na ebia wɔagye honhom no nkwa, Awurade da no.


wɔn na wɔn awieeɛ ne ɔsɛeɛ, wɔn nyame ne yafunu, na wɔn animuonyam wɔ wɔn aniwuo mu, na asase so nnoɔma ho na wɔdwene.


Wɔn a wɔyɛ bɔne no, yi wɔn atɛn wɔn nyinaa anim, na wɔn a aka no nso asuro.


Adanseɛ yi yɛ nokorɛ. Ɛno nti yi wɔn atɛn ketee, na wɔn ho ayɛ wɔn den gyidie mu,


Na afei, sɛ Kristo ahunu amane honam mu yi, mo nso momfa adwenkorɔ no ara mmia mo ho, (ɛfiri sɛ deɛ wahunu honam mu amaneɛ no agyae bɔneyɛ,)


Monnnɔ wiase anaa nnoɔma a ɛwɔ wiase. Sɛ obi dɔ wiase a, Agya no dɔ no nni ne mu.


Dodoɔ a medɔ wɔn no, meyi wɔn atɛn, na metwe wɔn aso. Enti bɔ mmɔden na sakyera w’adwene!


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios