Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 7:9 - Twerɛ Kronkron

9 Na ɔsee wɔn sɛ: Mofa nyansa kwan so po Nyankopɔn ahyɛdeɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ na mobɛdi mo atetesɛm soɔ!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 “Moahyɛ da sɛ mobɛpo Onyankopɔn mmara no, na moatiatia so, ama mo amanne no atim.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

9 Na ɔsee wɔn sɛ: Mofa nyansa kwan so po Nyankopɔn ahyɛdeɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ na mobɛdi mo atetesɛm soɔ!

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 “Moahyɛ da sɛ mobɛpo Onyankopɔn mmara no, na moatiatia so, ama mo amanneɛ no atim.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Na osee wɔn sɛ: Moayɛ ade sɛ mokwae Onyankopɔn ahyɛde sɛ ɛbɛyɛ na mubedi mo atetesɛm so!

Ver Capítulo Copiar




Marko 7:9
16 Referencias Cruzadas  

Berɛ aduru sɛ AWURADE yɛ biribie, ɛfiri sɛ wɔatu wo mmara agu.


Asase ho akum wɔ ɛsotefoɔ ase, ɛfiri sɛ wɔatiatia mmara no so, wɔasakyera ahyɛdeɛ no na wɔato daa apam no.


Na AWURADE se: Ɛsiane sɛ ɔman yi de wɔn ano na ɛbɛn me, na wɔde wɔn anofafa na ɛdi me ni, na wɔn akoma deɛ, wɔayi afiri me nkyɛn kɔ akyirikyiri, na suro a wɔsuro me no ayɛ nnipa ahyɛdeɛ a wɔasua nko ara nti,


na mode mo atetesɛm a mokyerɛ no sɛe Nyankopɔn asɛm no, na nnoɔma a ɛte sɛ yeinom pii na moyɛ.


(Na Farisifoɔ ne Yudafoɔ nyinaa, sɛ wɔanhohoro wɔn nsa yie a, wɔnnidi, ɛfiri sɛ wɔkura mpanimfoɔ atetesɛm mu;


Ɛnna Farisifoɔ ne Atwerɛfoɔ no bisaa no sɛ: Adɛn nti na w’asuafoɔ no nni mpanimfoɔ atetesɛm soɔ, na wɔde nsa fi didie yi?


Ɛnneɛ na yɛnam gyidie so tuu mmara no guiɛ anaa? Dabi da, na mmom yɛma mmara no ase tim.


Na sɛ obi ba bɛka Yesu foforɔ bi ho asɛm a yɛnkaeɛ, anaasɛ monya honhom foforɔ a monnyaeɛ, anaasɛ asɛmpa foforɔ a monnyeeɛ a, mogye tomu ntɛm so!


na menyaa nkɔsoɔ Yudafoɔ som mu kyɛnee m’atipɛnfoɔ bebree m’abusua mu, na mebɔɔ agyanom atetesɛm ho mmɔden bebree maa no traa so.


Mempo Nyankopɔn adom no; ɛfiri sɛ, sɛ tenenee nam mmara so na ɛba a, ɛnneɛ na Kristo awu kwa.


Deɛ ɔsɔre na ɔma ne ho so tia deɛ wɔfrɛ no Onyankopɔn anaa wɔsom nyinaa, ma ɔno ara kɔtena Nyankopɔn asɔredan mu de ne ho kyerɛ sɛ ɔno ne Onyankopɔn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios