Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 6:6 - Twerɛ Kronkron

6 Na wɔn gye a wɔnnye nnie no yɛɛ no nwanwa. Na ɔkyinkyinii nkuraa no ase hyiae, na ɔkyerɛkyerɛe.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Gye a wɔannye no anni no yɛɛ no nwonwa. Na Yesu kyinkyinii nkuraase kyerɛkyerɛe.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 Na wɔn gye a wɔnnye nnie no yɛɛ no nwanwa. Na ɔkyinkyinii nkuraa no ase hyiae, na ɔkyerɛkyerɛe.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Gye a wɔannye no anni no yɛɛ no nwanwa. Na Yesu kyinkyinii nkuraa ase kyerɛkyerɛeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Na wɔn gye a wonnye nni no yɛɛ no nwonwa. Na okyinkyinii nkuraa no ase hyiae, na ɔkyerɛkyerɛe.

Ver Capítulo Copiar




Marko 6:6
12 Referencias Cruzadas  

na ɔhunuu sɛ ɔbarima biara nni hɔ, na ɛyɛɛ no nwanwa sɛ ɔkamafoɔ biara nni hɔ; ɛnna ne basa gyee no, na ne tenenee wowaa no.


Ɔman bi asakyera n’anyame, anyame a wɔnyɛ anyame? Nanso me man de n’animuonyam asesa deɛ ɛho nni mfasoɔ.


Na Yesu kyinii Galilea nyinaa, kyerɛkyerɛe wɔn hyia adan mu, na ɔkaa ahennie no ho asɛmpa no, na ɔsaa yadeɛ ne ahoɔmmerɛ biara ɔman no mu.


Na Yesu teeɛ no, ɛyɛɛ no nwanwa, na ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔdi n’akyire no sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, Israel mu mpo menhunuu gyidie kɛseɛ a ɛte sɛɛ pɛn.


Na Yesu kyinii nkuro ne nkuraa nyinaa mu kyerɛkyerɛɛ wɔn hyia adan mu, na ɔkaa ahennie no ho asɛmpa, na ɔsaa nyarewa ne ahoɔmmerɛ nyinaa.


Na ɔkɔ kɔkaa asɛm no wɔ wɔn hyia adan mu wɔ Galilea nyinaa, na ɔtuu ahonhommɔne.


Na ɔsɔre firii hɔ baa Yudea fam ne Yordan agya nohoa; na nkurɔfoɔ akuakuo boaboaa wɔn ano baa ne nkyɛn bio, na sɛdeɛ ɔyɛ daa no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn bio.


Na ɔnenam nkuro mu ne nkuraa ase rekyerɛkyerɛ, na na ɔnam so rekɔ Yerusalem.


Na ɔbaa Galilea kuro bi a ɛde Kapernaum mu; na daa homeda ɔkyerɛkyerɛ wɔn.


Na ɔkaa asɛm Yudea hyia adan mu.


Onipa no bua see wɔn sɛ: Yei na ɛyɛ nwanwa, sɛ monnim faako a ɔfire, nanso ɔbuee m’ani.


Yesu a ɔfiri Nasaret, sɛdeɛ Onyankopɔn de Honhom Kronkron ne tumi sraa no, na ɔkyini yɛɛ yie, na ɔsaa wɔn a ɔbonsam hyɛɛ wɔn soɔ no yadeɛ, ɛfiri sɛ Onyankopɔn ka ne ho.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios