Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 6:5 - Twerɛ Kronkron

5 Na wantumi anyɛ ahoɔdenneɛ biara hɔ, gye ayarefoɔ kakraa bi na ɔde ne nsa guu wɔn so saa wɔn yadeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Wantumi anyɛ anwonwade ahorow wɔ hɔ, gye ayarefo kakraa bi na ɔde ne nsa guu wɔn so saa wɔn yare.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Na wantumi anyɛ ahoɔdenneɛ biara hɔ, gye ayarefoɔ kakraa bi na ɔde ne nsa guu wɔn so saa wɔn yadeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Wantumi anyɛ anwanwadeɛ ahodoɔ wɔ hɔ, gye ayarefoɔ kakra bi na ɔde ne nsa guu wɔn so, saa wɔn yadeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Na wantumi anyɛ anwonwade biara bio wɔ hɔ, gye ayarefo kakraa bi na ɔde ne nsa guu wɔn so saa wɔn yare.

Ver Capítulo Copiar




Marko 6:5
8 Referencias Cruzadas  

Yɛ ntɛm dwane kɔ hɔ, ɛfiri sɛ merentumi nyɛ hwee gye sɛ woakɔduru hɔ ansa. Enti na wɔfrɛ kuro no din sɛ: Soar.


Na ɔbarima no hunuu sɛ ɔntumi no no, ɔkaa n’asene tokuro mu, na Yakob dwonku hwanee tentam a ɔne no tentameeɛ no mu.


Na wɔn gyeɛ a wɔnnye nnie nti, wanyɛ tumi nnwuma pii wɔ hɔ.


na ɔsrɛɛ no pii sɛ: Me babaa rewu, na bra na fa wo nsa bɛgu ne so, na ne ho nyɛ no den, na ɔnnya nkwa.


Na Yesu see no sɛ: Sɛ wobɛtumi a! Nnoɔma nyinaa bɛtumi ayɛ hɔ ama deɛ ɔgye die.


Na ɛbaa sɛ na Publio n’agya da hɔ yare huraeɛ ne konkurowa; enti Paulo kɔɔ ne nkyɛn, na ɔbɔɔ mpaeɛ, de ne nsa guu ne so saa no yadeɛ.


Na wɔaka asɛmpa nso akyerɛ yɛn sɛ wɔn ara; nanso wɔannya asɛm a wɔteeɛ no ho mfasoɔ, ɛfiri sɛ ɛne gyidie no annkɔ bɛn korɔ mu, wɔn a wɔteeɛ no mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios