Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 4:39 - Twerɛ Kronkron

39 Na Yesu sɔre teateaa mframa no, na ɔsee ɛpo no sɛ: Mua w’ano; yɛ komm! Na mframa no gyaee, na ɛyɛɛ dinn koraa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

39 Ɔsɔre teɛteɛɛ mframa no ka kyerɛɛ po no se, “Yɛ komm!” Mframa no gyaee, na po no yɛɛ komm!

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

39 Na Yesu sɔre teateaa mframa no, na ɔsee ɛpo no sɛ: Mua w’ano; yɛ komm! Na mframa no gyaee, na ɛyɛɛ dinn koraa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

39 Ɔsɔre teateaa mframa no ka kyerɛɛ ɛpo no sɛ, “Yɛ dinn!” Mframa no gyaeeɛ, na ɛpo no yɛɛ dinn!

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

39 Na Yesu teɛteɛɛ mframa no, na osee po no sɛ: Mua w’ano, yɛ komm! Na mframa no gyaee, na ɛyɛɛ dinn.

Ver Capítulo Copiar




Marko 4:39
21 Referencias Cruzadas  

Ɔmaa ahum no yɛɛ komm, na asorɔkyeɛ no yɛɛ dinn.


Wo na wodi ɛpo mfumpaabuo soɔ, sɛ n’asorɔkyeɛ sɔre a, wo na wodwodwo ano.


Woma ɛpo huuyɛ, emu asorɔkyeɛ huuyɛ gyae, na woma aman kitikitiyɛ ano dwo.


AWURADE tenaa ase wɔ nsuo a ayiri so, na AWURADE bɛtena hɔ sɛ ɔhene daa.


Monsuro me? AWURADE asɛm nie, anaasɛ mo akoma ntu m’anim? Me a mede anwea meto po ano hyeɛ, daa hyeɛ a ɛntumi ntra; na sɛ mpo n’asorɔkyeɛ bɔ a, ɛntumi no, na sɛ ɛhuru sɛ deɛn ara a, ɛntumi ntra.


ɔtwaa ɛpo hyeɛ, na nsuo antra, na ɔde asase fapem too hɔ no,


ogya ne asukɔtweaa, sukyerɛmma ne huruhuro, ahum a ɛyɛ deɛ n’asɛm seɛ:


na mekaa sɛ: Ɛha yi na bra bɛduro, na ntra so, na ɛha ara na w’asorɔkyeɛ ahantan mmeso no?


Na Israelfoɔ no nam asase pɛsɛɛ so faa ɛpo no mfimfini, na nsuo no yɛɛ wɔn ɔfasuo wɔn nifa ne wɔn benkum.


Na Yesu hunuu sɛ nkurɔfokuo no de mmirika reba no, ɔteateaa honhom fi no sɛ: Wo mum honhom ne sotifoɔ, mehyɛ wo sɛ, firi ne mu, na nsane nkɔ ne mu bio.


Na wo deɛ, ma wo poma no so, na tene wo nsa ɛpo no so, na bae mu, na Israelfoɔ no nnante asase pɛsɛɛ so mfa po no mfimfini.


Na ɔbɛgyinaa n’atifi teateaa ɔfoɛ no, na ɛgyaa no. Na amonom hɔ ara ɔsɔre bɛsomm wɔn.


Ɔteatea ɛpo ma no we, na ɔma nsutene nyinaa mem; Basan ne Karmel twintwam, Lebanon nhwiren nso twintwam;


Na AWURADE rento ntwene daa,


Na ɔsee wɔn sɛ: Mo a mo gyidie sua, adɛn na ehu aka mo sɛɛ? Ɛnna ɔsɔre teateaa mframa ne ɛpo no, na ɛtaa dinn.


Na ɔno deɛ ɔwɔ kodoɔ no to, ada sumiiɛ so. Ɛnna wɔnyanee no see no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, yɛremem yi, ɛmfa wo ho anaa?


Na Yesu teateaa no sɛ: Mua w’ano, na firi ne mu kɔ! Na honhommɔne no bɔɔ no hwee mfimfini hɔ firii ne mu kɔe, na wanyɛ no hwee.


Na wɔbaa ne nkyɛn bɛnyanee no sɛ: Owura, owura, yɛreyera! Na ɔsɔre teateaa mframa ne nsuo no aworɔ no; na ɛgyae yɛɛ dinn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios