Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 3:33 - Twerɛ Kronkron

33 Na ɔbuaa wɔn sɛ: Hwannom ne me na ne me nuanom?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

33 Yesu bisaa wɔn se, “Hena ne me na? Hefo ne me nuanom?”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

33 Na ɔbuaa wɔn sɛ: Hwannom ne me na ne me nuanom?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

33 Yesu bisaa wɔn sɛ, “Hwan ne me maame? Ɛhefoɔ ne me nuanom?”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

33 Na obuaa wɔn sɛ: Hena ne me na ne me nuanom?

Ver Capítulo Copiar




Marko 3:33
9 Referencias Cruzadas  

Na n’abusuafoɔ teeɛ no, wɔfiri baa sɛ wɔrebɛtwe no akɔ, ɛfiri sɛ wɔkaa sɛ: Ne tiri mu ka no.


Na nkurɔfokuo tete ne ho. Na wɔsee no sɛ: Hwɛ, wo na ne wo nuanom gyina adihɔ rehwehwɛ wo.


Na ɔtwaa n’ani hwɛɛ wɔn a wɔtete ne ho hyiaeɛ no, ɔkaa sɛ: Hwɛ, me na ne me nuanom nie!


Ɛnyɛ duadwumfoɔ yi a ɔyɛ Maria ba no, Yakobo ne Yose ne Yuda ne Simon nom nua no nie? Na ɛnyɛ ne nuammaa na wɔwɔ yɛn nkyɛn ha yi? Na ɔyɛɛ suntidua maa wɔn.


Na ɔsee wɔn sɛ: Adɛn nti na mohwehwɛ me? Monnim sɛ ɛsɛ me sɛ metena m’agya fie?


Yesu see no sɛ: Ɔbaa, ɛdeɛn na me ne wo wɔ yɛ? Me dɔn nnurui!


Enti ɛfiri nnɛ yi, yɛnnim obiara honam fa mu; na sɛ yɛhunuu Kristo honam fa mu mpo a, afei deɛ yɛnnim no saa bio.


Ɔno a ɔkaa wɔ n’agya ne ne na ho sɛ: Menni wɔn! Na wammu ne nuanom, na ɔpoo ne mma. Na wɔdi wo nsɛm so, na wɔkora w’apam;


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios