Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 3:2 - Twerɛ Kronkron

2 na wɔtɛɛ no sɛ ɔbɛsa no yadeɛ homeda anaa, na wɔakɔtoto n’ano.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Na saa da no yɛ Homeda enti na Yesu atamfo no retetɛw no ahwɛ sɛ ɔbɛsa ɔbarima no yare ana. Na wɔabɔ wɔn tirim sɛ, sɛ ɔsa no yare a wɔbɛkyere no!

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 na wɔtɛɛ no sɛ ɔbɛsa no yadeɛ homeda anaa, na wɔakɔtoto n’ano.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Na saa ɛda no yɛ Homeda enti na Yesu atamfoɔ no retetɛ no ahwɛ sɛ ɔbɛsa ɔbarima no yadeɛ anaa. Na wɔabɔ wɔn tirim sɛ, sɛ ɔsa no yadeɛ a, wɔbɛkyere no!

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 na wɔtɛw no sɛ ɔbɛsa no yare homeda anaa, na wɔakɔtoto n’ano.

Ver Capítulo Copiar




Marko 3:2
12 Referencias Cruzadas  

Ɔbɔnefoɔ tɛ ɔteneneeni, na ɔhwehwɛ sɛ ɔku no.


Na mate nnipa pii nsekudie, ehu wɔ afa nyinaa, wɔse: Monkɔka, na yɛbɛkɔ akɔka atia no. Nnipa a me ne wɔn nni asɛm biara a wɔtete me ho nyinaa ka sɛ: Ebia ɔbɛma wɔagyegye no, na yɛatumi no, na yɛatɔ yɛn were wɔ ne so.


Na hwɛ, na onipa bi wɔ hɔ a ne nsa awuo. Na wɔbisaa no sɛ: Ɛwɔ ho kwan sɛ wɔsa yadeɛ homeda anaa? Na wɔakɔtoto n’ano.


Na ɔsee onipa a ne nsa adwodwoɔ no sɛ: Sɔre gyina ha.


Na ɛbaa sɛ homeda bi, ɔkɔɔ Farisifoɔ panin bi fie no, na wɔretɛ no.


Na wɔtɛɛ no, na wɔsomaa nsrafoɔ bi a wɔpatu yɛɛ wɔn anim sɛdeɛ wɔyɛ nnipa tenenee, sɛ wɔnkɔpɛ no asɛm, na wɔayi no ahyɛ amrado mmara ne ne tumi nsa.


Nso na Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ no retɛ no sɛ ɔbɛsa yadeɛ homeda anaa, na wɔanya ho akɔtoto n’ano.


Na yei deɛ, wɔka de sɔɔ no hwɛe, na wɔanya biribi akɔtoto n’ano. Na Yesu brɛɛ ne mu ase, de ne nsateaa twerɛtwerɛɛ fam.


Ɛnna Farisifoɔ no mu bi kaa sɛ: Onipa yi mfiri Nyankopɔn nkyɛn, ɛfiri sɛ, ɔnni homeda. Ebinom se: Ɛbɛyɛ dɛn na onipa debɔneyɛni bɛtumi ayɛ nsɛnkyerɛnneɛ a ɛte seyie? Na mpaepaemu baa wɔn mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios