Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 16:9 - Twerɛ Kronkron

9 [Na ɔsɔree da a ɛdi nnawɔtwe kan anɔpatutu no, ɔyii ne ho adi kane kyerɛɛ Maria Magdalene a ɔtuu ahonhommɔne nson firii ne mu no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Kwasida anɔpa na Yesu sɔre fii awufo mu. Onipa a oyii ne ho adi kyerɛɛ no kan ne Maria Magdalene, ɔbea a otuu ahonhommɔne ason fii ne mu no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

9 [Na ɔsɔree da a ɛdi nnawɔtwe kan anɔpatutu no, ɔyii ne ho adi kane kyerɛɛ Maria Magdalene a ɔtuu ahonhommɔne nson firii ne mu no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Kwasiada anɔpa na Yesu sɔre firii awufoɔ mu. Onipa a ɔyii ne ho adi kyerɛɛ no kane ne Maria Magdalene, ɔbaa a ɔtuu ahonhommɔne nson firii ne mu no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 [Na ɔsɔree da a edi nnawɔtwe kan anɔpatutu no, oyii ne ho adi kyerɛɛ Maria Magdalene a otuu ahonhommɔne ason fii ne mu no kan].

Ver Capítulo Copiar




Marko 16:9
12 Referencias Cruzadas  

Ɛnna ɔkɔ kɔka kyerɛɛ ne wura sɛ: Sɛɛ ne sɛɛ na abaayewa a ɔfiri Israel asase soɔ no ka.


na Maria Magdalene ne Maria, Yakobo ne Yosef na, ne Sebedeo mma no na ka wɔn ho.


Mmaa bi nso wɔ hɔ a na wɔgyina akyirikyiri rehwɛ; na Maria Magdalene nso ne Yakobo kumaa ne Yose ne na Maria, ne Salome ka ho;


Na Maria Magdalene ne Maria Yose ne na, hunuu faako a wɔde no toeɛ.


Na wɔfirii adi ntɛm ara dwane firii ɛda no ho; na ahopopoɔ ne ahodwirie aka wɔn. Na wɔanka hwee ankyerɛ obiara; ɛfiri sɛ na wɔsuro.


Na Maria Magdalene ne Yohana ne Yakobo ne na Maria ne mmaa a wɔka wɔn ho no na wɔbɛkaa yeinom kyerɛɛ asomafoɔ no.


ne mmaa bi a wasa wɔn ahonhommɔne ne ahoɔmmerɛ, wɔn ne Maria a wɔfrɛ no Magdalene a ɔtuu ahonhommɔne nson firii ne mu no


na ɔhunuu abɔfoɔ a wɔhyɛ ntadeɛ fitaa sɛ wɔtete hɔ, ɔbaako te atifi, na ɔbaako te anafoɔ, faako a Yesu amu daeɛ hɔ.


Na nnawɔtwe mu da a ɛdi kan no a yɛhyiaa sɛ yɛrebubu paanoo no, Paulo kasa kyerɛɛ wɔn, ɛfiri sɛ adeɛ kye a, ɔbɛkɔ, na ɔtoaa asɛm no so ara kɔsii ɔdasuo mu.


Daa, nnawɔtwe no mu da a ɛdi kan no, mo mu biara mfa deɛ ɛbɛsi no yie ama no anya no nsie, na mamma ansa na wɔayi toɔ no.


Mewɔ honhom mu, Awurade da no, na metee nne kɛseɛ bi wɔ m’akyiri sɛ totorobɛnto


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios