Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 15:40 - Twerɛ Kronkron

40 Mmaa bi nso wɔ hɔ a na wɔgyina akyirikyiri rehwɛ; na Maria Magdalene nso ne Yakobo kumaa ne Yose ne na Maria, ne Salome ka ho;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

40 Saa bere no na mmea bi gyinagyina akyiri baabi rehwɛ nea ɛrekɔ so. Mmea no bi ne Maria Magdalene, Maria (a ɔyɛ Yakobo Kumaa ne Yosef na), ne Salome.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

40 Mmaa bi nso wɔ hɔ a na wɔgyina akyirikyiri rehwɛ; na Maria Magdalene nso ne Yakobo kumaa ne Yose ne na Maria, ne Salome ka ho;

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

40 Saa ɛberɛ no, na mmaa bi gyinagyina akyiri baabi rehwɛ deɛ ɛrekɔ so. Mmaa no bi ne Maria Magdalene, Maria a ɔyɛ Yakobo kumaa ne Yosef maame ne Salome.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

40 Na mmea bi nso wɔ hɔ a na wogyina akyirikyiri rehwɛ, na Maria Magdalene nso ne Yakob kumaa ne Yose ne na Maria, ne Salome ka ho;

Ver Capítulo Copiar




Marko 15:40
18 Referencias Cruzadas  

M’adɔfo ne me nnamfo afiri me haw no ho akɔgyina nkyɛn, na m’abusuafoɔ gyinagyina akyirikyiri.


Filipo ne Bartolomeo, Toma ne togyeni Mateo no, Alfeo ba Yakobo ne Tadeo,


Ɛnyɛ duadwumfoɔ no ba no nie? Wɔmfrɛ ne na Maria, ne ne nuanom Yakobo, Yosef, Simon ne Yuda?


Na Maria Magdalene ne Maria baako no wɔ hɔ tete ɛda no ntentensoɔ.


Na homeda no twaa mu no, da a ɛdi nnawɔtwe kan no ahemadakye, Maria Magdalene ne Maria baako no baa sɛ wɔrebɛhwɛ ɛda no.


Na Maria Magdalene ne Maria Yose ne na, hunuu faako a wɔde no toeɛ.


Na homeda no twaa mu no, Maria Magdalene, Yakobo ne na Maria ne Salome tɔɔ nnuhwam sɛ wɔde reba abɛsra no.


[Na ɔsɔree da a ɛdi nnawɔtwe kan anɔpatutu no, ɔyii ne ho adi kane kyerɛɛ Maria Magdalene a ɔtuu ahonhommɔne nson firii ne mu no.


Na ɔrehwehwɛ Yesu ahunu ne nipaban, nanso nkurɔfokuo no nti ɔntumi, ɛfiri sɛ ɔyɛ akwatia.


Na n’amannifoɔ nyinaa ne mmaa a wɔdii n’akyi firi Galilea no abɛgyina akyirikyiri rehwɛ nnoɔma yi.


Yɛnni ho kwan sɛ yɛde onuabaa a ɔyɛ ɔyere kyini sɛ asomafoɔ a aka no ne Awurade nuanom ne Kefa?


na asomafoɔ a ɛkeka ho no deɛ manhunu wɔn mu biara, gye Awurade nua Yakobo.


Yakobo, Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo akoa, kyea mmusuakuo dummienu a wɔahweteɛ no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios