Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 15:36 - Twerɛ Kronkron

36 Na ɔbaako tuu mmirika de sapɔ kɔbɔɔ nsa kekakeka bi mu de tuaa demmire ano, de maa no sɛ ɔnom, na ɔkaa sɛ: Monnyae mma yɛnhwɛ sɛ Elia bɛba abɛyi no asi fam anaa?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

36 Wɔn mu baako tuu mmirika, kɔfaa sapɔw bi de bɔɔ nsa nwenweenwen bi mu de tuaa dua bi ano, de brɛɛ Yesu sɛ ɔnnom. Ɔkae se, “Momma yɛnhwɛ sɛ Elia bɛba abeyi no asi fam ana!”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

36 Na ɔbaako tuu mmirika de sapɔ kɔbɔɔ nsa kekakeka bi mu de tuaa demmire ano, de maa no sɛ ɔnom, na ɔkaa sɛ: Monnyae mma yɛnhwɛ sɛ Elia bɛba abɛyi no asi fam anaa?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

36 Wɔn mu baako tuu mmirika, kɔfaa sapɔ bi, de bɔɔ nsã nwononwono bi mu, de tuaa dua bi ano, de brɛɛ Yesu sɛ ɔnnom. Ɔkaa sɛ, “Momma yɛnhwɛ sɛ Elia bɛba abɛyi no asi fam anaa!”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

36 Na obiako tuu mmirika de sapɔw kɔbɔɔ nsa kekakeka bi mu de tuaa demmire ano, de maa no sɛ ɔnom, na onipa ko kae sɛ: Munnyae mma yɛnhwɛ sɛ, Elia bɛba abeyi no asi fam anaa?

Ver Capítulo Copiar




Marko 15:36
7 Referencias Cruzadas  

Wɔde bɔnwoma yɛɛ m’aduane, na me sukɔm mu wɔmaa me nsa kekakeka sɛ mennom.


Na ntɛm ara, wɔn mu baako tuu mmirika kɔfaa sapɔ de bɔɔ nsa kekakeka bi mu, na ɔde tuaa demmire ano de maa no nomee.


Na wɔmaa no nsa a wɔde aduhwam afra mu, nanso wannom.


Na wɔn a wɔgyina hɔ binom teeɛ no, wɔkaa sɛ: Hwɛ, ɔrefrɛ Elia!


Na Yesu de nne kɛseɛ teaa mu no, ɔwui.


Na asraafoɔ no nso goroo ne ho, na wɔbaa ne nkyɛn bɛmaa no nsa kekakeka,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios