Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 14:54 - Twerɛ Kronkron

54 Na Petro dii n’akyi wɔ akyirikyiri kɔduruu ɔsɔfo panin no aban mu, na ɔne asomfo no kɔtenaa hɔ too gya.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

54 Bere a wɔde Yesu rekɔ no, Petro tew ne ho dii wɔn akyi, na owiawiaa ne ho kɔhyɛɛ Ɔsɔfopanyin no fi hɔ de ne ho kɔfraa asomfo bi a na wɔreto gya no mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

54 Na Petro dii n’akyi wɔ akyirikyiri kɔduruu ɔsɔfo panin no aban mu, na ɔne asomfo no kɔtenaa hɔ too gya.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

54 Ɛberɛ a wɔde Yesu rekɔ no, Petro tee ne ho dii wɔn akyi, na ɔwiawiaa ne ho kɔhyɛɛ Ɔsɔfopanin no efie hɔ de ne ho kɔfraa asomfoɔ bi a na wɔreto ogya no mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

54 Na Petro dii n’akyi wɔ akyirikyiri koduu ɔsɔfo panyin no aban mu, na ɔne asomfo no kɔtenaa hɔ too gya.

Ver Capítulo Copiar




Marko 14:54
15 Referencias Cruzadas  

Na ɛbaa sɛ Elia teeɛ no, ɔde ne ngusoɔ kataa n’anim, na ɔfiri kɔgyinaa ɔbodan no ano. Na hwɛ, ɛnne bi baa ne nkyɛn sɛ: Elia, ɛdeɛn na wowɔ yɛ wɔ ha?


Na ɔduruu ɔbodan no ho hɔ, na ɔsoɛɛ hɔ. Na hwɛ, AWURADE asɛm baa ne nkyɛn sɛ: Elia, ɛdeɛn na wowɔ yɛ wɔ ha?


Ɛnna asɔfoɔ mpanimfoɔ ne ɔman no mpanimfoɔ kɔhyiaa ɔsɔfo panin a wɔfrɛ no Kaiafa aban mu,


Na Petro dii n’akyi wɔ akyirikyiri kɔduruu ɔsɔfo panin no aban mu, na ɔkɔɔ mu ne asomfoɔ no kɔtenaa hɔ sɛ ɔrehwɛ asɛm no awieeɛ.


Monwɛn, na mommɔ mpaeɛ, na moankɔ sɔhwɛ mu. Honhom no pɛ deɛ, nanso honam no yɛ mmerɛ.


Na Petro wɔ fam adihɔ no, ɔsɔfo panin no mmaawa mu baako bae,


Na ɔwɔ owuo yea mu no, ɔmaa ne mpaebɔ mu yɛɛ den. Na ne ho fifire yɛɛ sɛ mogya ntowantowa a ɛsosɔ fam.


Na wɔkyere no kɔe, na wɔde no kɔɔ ɔsɔfo panin fie. Na Petro deɛ, ɔdii wɔn akyi wɔ akyirikyiri.


Nso na nkoa ne asomfoɔ no gyinagyina hɔ asɔ gya, ɛfiri sɛ awɔ aba, na wɔretoɔ; na Petro nso ne wɔn gyina hɔ na ɔreto bie.


Na Simon Petro gyina hɔ reto gya. Ɛnna wɔsee no sɛ: Wo nso, womfiri n’asuafoɔ no mu anaa? Ɔsanee sɛ: Dabi!


Na Hebrifoɔ no bi twaa Yordan kɔɔ Gad ne Gilead asase so. Na Saulo da so wɔ Gilgal, na ɔman no nyinaa de ahopopoɔ dii n’akyi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios