Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 13:32 - Twerɛ Kronkron

32 Na ɛda no ne dɔn no deɛ, obi nnim, abɔfoɔ a wɔwɔ soro nso nnim, Ɔba no nso nnim, gye Agya no nko.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

32 “Nanso da anaa dɔn ko a awiei no bɛba de, obiara nnim. Ɔsoro abɔfo ne me ankasa mpo nnim. Agya no nko ara na onim.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

32 Na ɛda no ne dɔn no deɛ, obi nnim, abɔfoɔ a wɔwɔ soro nso nnim, Ɔba no nso nnim, gye Agya no nko.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

32 “Nanso ɛda anaa dɔn ko a awieeɛ no bɛba deɛ, obiara nnim. Ɔsoro abɔfoɔ ne mʼankasa mpo nnim. Agya no nko ara na ɔnim.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

32 Na da no ne dɔn no de, obi nnim, abɔfo a wɔwɔ ɔsoro nso nnim, Ɔba no nso nnim, gye Agya no nko.

Ver Capítulo Copiar




Marko 13:32
11 Referencias Cruzadas  

Enti monwɛn, na monnim da anaa dɔn ko no, (a Onipa Ba no reba.)


Na ɛkyɛreeɛ no, nkoa no wura no bae, na ɔne wɔn bɛbuu nkonta.


Na dasuo mu no, wɔtee nteamu sɛ: Hwɛ, ayeforɔkunu no ni oo! Momfiri adi nkɔhyia no!


Ɔsoro ne asase bɛtwam, na me nsɛm deɛ ɛrentwam da.


Na ɔbuaa wɔn sɛ: Ɛnyɛ mo asɛm, sɛ mobɛhunu berɛ anaa nna a Agya no ahyɛ ato hɔ ɔno ara ne tumi mu,


Na Awurade da no bɛba sɛdeɛ owifoɔ ba. Emu na ɔsoro de kukurududu bɛtwam akorɔ, na ewie mu mfitiasedeɛ bɛhye asɛe, na asase ne mu nnwuma bɛhye.


Yesu Kristo adiyie a Onyankopɔn de maa no sɛ ɔnkyerɛ ne nkoa deɛ ɛtwa sɛ ɛba ntɛm, na ɔnam ne bɔfoɔ so de bɛkyerɛɛ n’akoa Yohane


Enti kae sɛdeɛ woanya na woateɛ na di so, na sakyera w’adwene! Na sɛ woanwɛn a, mɛba sɛ owifoɔ, na worenhunu dɔn ko a mɛba wo soɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios