Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 13:24 - Twerɛ Kronkron

24 Na nna no mu ahohiahia no akyiri no, owia bɛduru sum, na ɔsrane renhyerɛn,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

24 “Ahohia no akyi no, “ ‘owia beduru sum, na ɔsram renhyerɛn,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

24 Na nna no mu ahohiahia no akyiri no, owia bɛduru sum, na ɔsrane renhyerɛn,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

24 “Ahohia no akyi no, “ ‘owia bɛduru sum, na ɔsrane renhyerɛn,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

24 Na nna no mu ahohiahia no akyi no, owia beduru sum na ɔsram renhyerɛn,

Ver Capítulo Copiar




Marko 13:24
20 Referencias Cruzadas  

Na ɔsoro nsoromma ne emu akunini renhyerɛn, owia bɛduru sum n’adifire mu, na ɔsrane nso renharan.


Ɛno nti na asase di abooboo na ɔsoro biri tumm wɔ soɔ, ɛfiri sɛ maka, mabɔ me tirim, na merennu me ho, na merensane memfiri ho.


Na sɛ medum wo sɛ kanea a, mɛkata ɔsoro, na mama ne nsoromma abiri tumm; mede mununkum bɛkata owia ani, na ɔsrane renharan.


Asase woso wɔn anim, ɔsoro hinhim, owia ne ɔsrane aduru sum, na nsoromma kame ne haran.


Owia ne ɔsrane aduru sum, na nsoromma agyae haran.


AWURADE da no ɛnyɛ sum anaa? Ɛnyɛ hann! Ɛnyɛ kusuu anaa? Ɛnhyerɛn!


Na mo deɛ, monhwɛ yie, ɛfiri sɛ, madi kan aka ne nyinaa akyerɛ mo.


Na Awurade da no bɛba sɛdeɛ owifoɔ ba. Emu na ɔsoro de kukurududu bɛtwam akorɔ, na ewie mu mfitiasedeɛ bɛhye asɛe, na asase ne mu nnwuma bɛhye.


sɛ motwɛn na morepɛ Nyankopɔn da no ba ntɛm yi? Ɛno mu na ɔsoro bɛsɔ ogya asɛeɛ, na wiem mfitiasedeɛ anane ahye.


Na mehunuu ahennwa fitaa kokuroo ne deɛ ɔte soɔ a asase ne ɔsoro dwane firii n’anim; na wɔannya baabi amma wɔn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios