Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 13:2 - Twerɛ Kronkron

2 Na Yesu see no sɛ: Woahunu adan akɛseɛ yi? Wɔrennya ɔboɔ a ɛda ɔboɔ so a wɔrennwiri ngu fam.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Ɛyɛ nokware de, nanso wobedwiriw saa dan yi agu pasaa.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

2 Na Yesu see no sɛ: Woahunu adan akɛseɛ yi? Wɔrennya ɔboɔ a ɛda ɔboɔ so a wɔrennwiri ngu fam.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛyɛ nokorɛ deɛ, nanso wɔbɛdwiri saa ɛdan yi agu pasaa.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Na Yesu see no sɛ: Woahu adan akɛse yi? Wɔrennyaw, ɔbo a ɛda ɔbo so a wɔrennwiriw ngu fam.

Ver Capítulo Copiar




Marko 13:2
10 Referencias Cruzadas  

Mika a ɔfiri Moreset hyɛɛ nkɔm Yudahene Hesekia berɛ so, na ɔka kyerɛɛ Yuda man nyinaa sɛ: Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Wɔbɛfuntum Sion sɛ afuo, na Yerusalem adane nkunkumaboɔ akuakuo, na efie no bepɔ no adane kwaeɛ mu sorɔnsorɔmmea.


Saa nti, mo nti wɔbɛfɛntɛm Sion sɛ afuo, na Yerusalem adane aboɔ akuakuo, na efie no bepɔ adane kwaeɛ sorɔnsorɔmmea.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monhunu yeinom? Nokorɛ mese mo sɛ: Wɔrennya ɔboɔ a ɛsi ɔboɔ so ɛha a wɔrennwiri ngu fam.


Nnoɔma a mohunu yi deɛ, nna bi bɛba a wɔrennya ɔboɔ wɔ ɔboɔ so wɔ emu a wɔrennwiri ngu fam.


Na yɛate sɛ ɔkaa sɛ: Yesu Nasareni yi bɛsɛe ha, na wasakyera amanneɛ a Mose de ama yɛn no.


Na adihɔ a ɛwɔ asɔredan no ho no deɛ, gya to hɔ, na nsusu, ɛfiri sɛ wɔde ama amanaman mufoɔ, na wɔbɛtiatia kuro kronkron no so abosome aduanan mmienu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios