Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 13:1 - Twerɛ Kronkron

1 Na ɔrefiri asɔrefie hɔ no, n’asuafoɔ no mu baako see no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, hwɛ aboɔ bi ne aban bi!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Yesu refi asɔredan no mu hɔ no, nʼasuafo no mu baako kae se, “Kyerɛkyerɛfo, adan yi yɛ fɛ papa. Hwɛ sɛnea wɔde abo asiesie afasu no.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Na ɔrefiri asɔrefie hɔ no, n’asuafoɔ no mu baako see no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, hwɛ aboɔ bi ne aban bi!

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Yesu refiri asɔredan no mu hɔ no, nʼasuafoɔ no mu baako kaa sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, adan yi yɛ fɛ papa. Hwɛ sɛdeɛ wɔde aboɔ asiesie afasuo no.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Na ɔrefi asɔrefi hɔ no, n’asuafo no mu biako see no sɛ: Kyerɛkyerɛfo, hwɛ abo bi ne aban bi!

Ver Capítulo Copiar




Marko 13:1
9 Referencias Cruzadas  

Na Yeremia ka kyerɛɛ Seraia sɛ: Sɛ woduru Babel a, hwɛ na kenkan nsɛm yi nyinaa,


Na Kerubim no memaa wɔn ntaban so, na wɔmemaa wɔn ho so firii asase so, m’anim, sɛ wɔrefiri adi, na nkyimiiɛ no wowɔ wɔn nkyɛn mu; na wɔkɔgyinaa AWURADE fie apueeɛ fam ponkɛseɛ no ano, na Israel Nyankopɔn animuonyam no wɔ wɔn atifi wɔ soro.


Ɛnna AWURADE animuonyam no maa ne ho so firii Kerub no so kɔɔ ɛdan no aponnwa atifi, na mununkum no hyɛɛ ɛdan no ma, na AWURADE animuonyam hyerɛn hyɛɛ abannwa no so ma.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, wohunu deɛ wɔreyɛ yi? Akyiwadeɛ akɛseɛ a Israel fie reyɛ wɔ ha yi, sɛ memfiri me kronkronbea menkɔ akyirikyiri. Na wobɛsane ahunu akyiwadeɛ akɛseɛ bio.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios