Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 12:40 - Twerɛ Kronkron

40 wɔn na wɔbɔ akunafoɔ apoo, nanso wɔboapa bɔ mpaeɛ atentene kyerɛ. Yeinom na wɔbɛnya afobuo a ɛboro soɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

40 Wɔbɔ mpae atenten ma nnipa hu sɛ wɔresom Onyankopɔn, nanso wosisi akunafo. Eyi nti wobenya asotwe a emu yɛ duru.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

40 wɔn na wɔbɔ akunafoɔ apoo, nanso wɔboapa bɔ mpaeɛ atentene kyerɛ. Yeinom na wɔbɛnya afobuo a ɛboro soɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

40 Wɔbɔ mpaeɛ hunu atentene kyerɛ nnipa sɛ wɔresom Onyankopɔn, nanso wɔsisi akunafoɔ. Yei enti wɔbɛnya asotwe a emu yɛ duru.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

40 wɔn na wɔbɔ akunafo apoo, nanso wɔboapa bɔ mpae atenten kyerɛ. Eyinom na wobenya afobu a ɛboro so.

Ver Capítulo Copiar




Marko 12:40
13 Referencias Cruzadas  

N’adiyifoɔ atirisopam wɔ so, wɔte sɛ gyata a ɔbobom tete ne hanam, wɔdi onipa nam, wɔfa ahonyadeɛ ne aboɔdenneɛ, wɔma emu akunafoɔ dɔɔso.


na wɔn ani bere mfuo, na wɔgye, ne afie, na wɔfefa, na wɔsi ɔbarima ne ne fie ne onipa ne n’agyapadeɛ apempem.


Monnue! Mo Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ! Sɛ moto ɔsoro ahennie mu nnipa anim; na mo ara monkɔ mu, nanso wɔn a wɔrekɔ mu no, mommma wɔn kwan nkɔ mu.


(Monnue! Mo Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ! Sɛ mobɔ akunafoɔ apoo, nanso moboapa bɔ mpaeɛ atentene kyerɛ. Yei nti, mobɛnya afobuo a ɛso.)


Awɔ, nhuritia mma! Mobɛyɛ dɛn adwane amanehunu kurom atemmuo?


Na sɛ morebɔ mpaeɛ a, monnkasakasa pii kwa sɛ abosonsomfoɔ; na wɔsusu sɛ wɔn kasa tentene nti wɔbɛtie wɔn!


ne mpanimfoɔ nkonnwa hyia adan mu ne mpanimfoɔ tenaberɛ adidie ase ho;


wɔn na wɔbɔ akunafoɔ apoo, nanso wɔboapa bɔ mpaeɛ atentene kyerɛ. Yeinom na wɔbɛnya afobuo a ɛso.


Na sɛ obi di mo nya, sɛ obi didi mo ho, sɛ obi fa mo dommum, sɛ obi ma ne ho so, sɛ obi bɔ mo ani so a, mobɛhunu ama no.


Na yeinom mu bi ne wɔn a wɔnam aseɛ hyɛnehyɛne afie mu, na wɔfa mmaa adwenemharefoɔ a bɔne adɔre ahyɛ wɔn soɔ, a akɔnnɔ ahodoɔ keka wɔn no nnommum,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios