Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 12:11 - Twerɛ Kronkron

11 Awurade na ɔmaa yei baeɛ, na ɛyɛ nwanwa yɛn ani so anaa?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Awurade na wayɛ eyi, na ɛyɛ nwonwa wɔ yɛn ani so?’ ”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

11 Awurade na ɔmaa yei baeɛ, na ɛyɛ nwanwa yɛn ani so anaa?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Awurade na wayɛ yei, na ɛyɛ nwanwa wɔ yɛn ani so?’ ”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Awurade na ɔmaa eyi bae, na so ɛnyɛ nwonwa yɛn ani so anaa?

Ver Capítulo Copiar




Marko 12:11
13 Referencias Cruzadas  

Ɛnna Laban ne Betuel buaa sɛ: AWURADE na asɛm yi firi no, yɛrentumi nka no papa anaa bɔne nkyerɛ wo.


Ɔboɔ a abantofoɔ apa no abɛyɛ tweaso boɔ titire.


AWURADE na ɔmaa yei yɛeɛ, ɛyɛ nwanwa yɛn ani so.


Monhwɛ amanaman mu na monhunu na mo ho nnwiri mo dwiri pa ara, na mereyɛ adwuma bi, mo nna mu, wɔka kyerɛ mo a, morennye nni.


Ampa ara, adebisa nni Yakob mu, na nkɔmhyɛ nni Israel mu: Afei na wɔbɛka wɔ Yakob ne Israel ho sɛ: Ɛdeɛn na Onyankopɔn ayɛ yi!


Yesu see wɔn sɛ: Monkenkanee twerɛ nsɛm no mu pɛn sɛ: Ɔboɔ a abantofoɔ apoɔ no, ɛno ara na abɛyɛ ɔdan no ntweaso tiboɔ; yei firi Awurade na ɛyɛ nwanwa yɛn ani so?


Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa ahodwiri, na wɔn tirim yɛɛ wɔn keserenee, na wɔsesee wɔn ho sɛ: Yei ase ne sɛn?


Onyankopɔn pɛ sɛ ɔma n’ahotefoɔ hunu ahuntasɛm yi animuonyam ahonya wɔ amanaman mu, a ɛne Kristo a ɔwɔ mo mu, animuonyam anidasoɔ no.


Na adeɛ a wɔpae mu ka sɛ ɛso ne onyamesom pa ahuntasɛm no: Onyankopɔn yii ne ho adi honam mu, wɔbuu no bem honhom mu, ɔyii ne ho kyerɛɛ abɔfoɔ, wɔkaa ne ho asɛm amanaman mu, wɔgyee no dii wiase, wɔfaa no kɔɔ soro, animuonyam mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios