Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 10:5 - Twerɛ Kronkron

5 Na Yesu bua see wɔn sɛ: Mo akomaden nti na ɔtwerɛɛ saa ahyɛdeɛ yi maa mo;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Yesu bisaa wɔn se, “Adɛn nti na ɔkaa saa? Merebɛkyerɛ mo nea enti a ɔkaa saa. Esiane mo koma a apirim no nti na ɔkaa saa kyerɛɛ mo.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

5 Na Yesu bua see wɔn sɛ: Mo akomaden nti na ɔtwerɛɛ saa ahyɛdeɛ yi maa mo;

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Yesu bisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na ɔkaa saa? Merebɛkyerɛ mo deɛ enti a ɔkaa saa. Esiane mo akoma a apirim no enti na ɔkaa saa kyerɛɛ mo.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 Na Yesu bua see wɔn sɛ: Mo komaden nti na ɔkyerɛw saa ahyɛde yi maa mo;

Ver Capítulo Copiar




Marko 10:5
8 Referencias Cruzadas  

Ɛnna wɔyɛɛ asobrakyeɛ na wɔtee w’anim atua, na wɔtoo wo mmara twenee wɔn akyire, na wɔkunkumm w’adiyifoɔ a wɔdii wɔn adanseɛ sɛ wɔde resane wɔn aba wo nkyɛn no, na wɔyɛɛ abusudeɛ akɛseɛ.


Ɔsee wɔn sɛ: Mo akomaden nti na Mose maa mo kwan sɛ monnyaa mo yerenom; na ɛfiri mfitiaseɛ no, anka ɛnte saa.


Mo a mo kɔn asene na moyɛ akoma ne aso mu momonoto, daa mo ne Honhom Kronkron di asie; sɛdeɛ mo agyanom yɛeɛ no, saa ara na moyɛ.


Sɛ ɔbarima bi ware yerɛ, na ɛba sɛ n’ani nnye ɔbaa no ho a, ɛfiri sɛ wahunu ne ho aniwudeɛ bi a, ɛnneɛ ɔntwerɛ awaregyaeɛ nwoma mma no na ɔmfa nhyɛ ne nsa, na ɔnnya no kwan mfiri ne fie.


Na me deɛ, menim w’atuateɛ ne wo kɔn a asene; hwɛ, meda so ne mo te ase nnɛ yi mpo moyɛ AWURADE anim atuatefoɔ, na me wuo akyiri ɛ!


Enti hunu sɛ ɛnyɛ wo tenenee nti na AWURADE wo Nyankopɔn de asase pa yi rema wo sɛ di soɔ, na ɔman a wɔn kɔn asene ne wo.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios