Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 10:33 - Twerɛ Kronkron

33 Hwɛ, yɛrekɔ Yerusalem, na wɔbɛyi Onipa Ba no ahyɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ nsa, na wɔabua no kumfɔ, na wɔayi no ama wiase amanaman mufoɔ,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

33 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛ yedu hɔ a wobeyi me, Onipa Ba no ama asɔfo mpanyin ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo, na wɔabu me kumfɔ, na wɔde me ahyɛ Roma aban nsa, na wɔakum me.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

33 Hwɛ, yɛrekɔ Yerusalem, na wɔbɛyi Onipa Ba no ahyɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ nsa, na wɔabua no kumfɔ, na wɔayi no ama wiase amanaman mufoɔ,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

33 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ yɛduru hɔ a, wɔbɛyi me, Onipa Ba no ama asɔfoɔ mpanin ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ, na wɔabu me kumfɔ, na wɔde me ahyɛ Roma aban nsa, na wɔakum me.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

33 Hwɛ, yɛrekɔ Yerusalem, na wobeyi onipa ba no ahyɛ asɔfo mpanyin ne akyerɛwfo nsa, na wɔabu no kumfɔ, na wɔayi no ama wiase amanaman mufo,

Ver Capítulo Copiar




Marko 10:33
23 Referencias Cruzadas  

Wɔbuu no animtia, na nnipa poo no, ɔyɛ onipa a ɔhunuu ayayadeɛ na ɔnim yadeɛ, na wɔbuu no animtia sɛ obi a nnipa yi wɔn ani hunta no, na yɛammu no hwee.


Na ɛfiri saa berɛ no na Yesu Kristo fitii aseɛ kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ, ɛsɛ sɛ ɔkɔ Yerusalem na ɔkɔhunu amane pii mpanimfoɔ ne asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ no nsam, na wɔakum no, na ɛda a ɛtɔ so mmiɛnsa no wanyane.


Modwene ho sɛn? Na wɔbuaa sɛ: Ɔsɛ wuo.


Na wɔkyekyeree no de no kɔ kɔhyɛɛ Amrado Pilato nsa.


Moate n’abususɛm no; modwene sɛn? Na wɔn nyinaa buu no fɔ sɛ ɛsɛ sɛ ɔwuo.


Na ntɛm ara, ɛrekɔ anɔpa no, asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ ne badwafoɔ no nyinaa tuu agyina, na wɔkyekyeree Yesu de no kɔ kɔhyɛɛ Pilato nsa.


Na ɔfitii aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn sɛdeɛ ɛsɛ sɛ Onipa Ba no hunu amane pii, na mpanimfoɔ ne asɔfoɔ mpanin ne Atwerɛfoɔ no po no, na wɔkum no, na ne nnansa soɔ wasɔre;


Na ɔsee wɔn sɛ: Elia ba ansa, na wabɛsiesie nnoɔma nyinaa mmom deɛ, na deɛ wɔatwerɛ no Onipa Ba no ho sɛ ɔbɛhunu amane pii, na wɔabu no animtia no ɛ?


Na ɔkyerɛkyerɛɛ n’asuafoɔ no, na ɔsee wɔn sɛ: Wɔde Onipa Ba no bɛhyɛ nnipa nsa, na wɔakum no, na wɔkum no a, ne nnansa so ɔbɛsɔre.


Na wɔteaa mu sɛ: Bɔ no asɛnnua mu, bɔ no asɛnnua mu!


sɛ: Ɛsɛ sɛ Onipa Ba no hunu amane pii, na mpanimfoɔ ne asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ apo no, na wɔakum no, na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, wanyane.


Ɛnna wɔde Yesu firi Kaiafa nkyɛn kɔɔ amrado aban mu; na ɛyɛ anɔpatutu. Na wɔn ara deɛ, wɔanhyɛne amrado aban no mu, na efi anka wɔn, na wɔadi Twam (aduane) no.


(Ɛbaa saa na Yesu asɛm a ɔka de kyerɛɛ owu korɔ a ɔrebɛwuo no aba mu.)


Yesu buaa sɛ: Sɛ wɔamfa amma wo amfiri soro a, anka wonni me so tumi biara; yei nti deɛ ɔyii me maa woɔ no na ne bɔne so.


Na ɛsiane sɛ wɔn a wɔte Yerusalem ne wɔn mpanimfoɔ nnim no ne adiyifoɔ nsɛm a wɔkenkan daa homeda no nti, wɔbuu no fɔ de maa nsɛm no baa mu.


Na afei, hwɛ, Honhom no hyɛ me nti, merekɔ Yerusalem, na mennim deɛ ɛbɛto me wɔ hɔ,


Moabu deɛ ɔtene no fɔ akum no; ɔnsi mo kwan.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios