Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 10:11 - Twerɛ Kronkron

11 Na ɔsee wɔn sɛ: Obiara a ɔbɛgyaa ne yere na ɔbɛware ɔfoforɔ no, na wasɛe awadeɛ ɔbaa no fam,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Obuaa wɔn se, “Sɛ obi gyaa ne yere aware na ɔsan ware obi foforo a na wabɔ aguaman.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

11 Na ɔsee wɔn sɛ: Obiara a ɔbɛgyaa ne yere na ɔbɛware ɔfoforɔ no, na wasɛe awadeɛ ɔbaa no fam,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Ɔbuaa wɔn sɛ, “Sɛ obi gyaa ne yere awadeɛ na ɔsane ware obi foforɔ a, na wabɔ adwaman.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Na osee wɔn sɛ: Obiara a obegyaa ne yere na ɔbɛware ɔfoforo no, na wasɛe aware ɔbea no fam,

Ver Capítulo Copiar




Marko 10:11
9 Referencias Cruzadas  

Enti mese mo sɛ, sɛ ɛnyɛ adwamammɔ nti na obi gyaa ne yere na ɔware foforɔ a, na wasɛe awadeɛ; (na deɛ ɔbɛware deɛ wɔagyae no no nso asɛe awadeɛ.)


Na ɔwɔ fie no, n’asuafoɔ no bisaa no asɛm no ara bio.


Obiara a ɔgyae ne yere na ɔware ɔfoforɔ no sɛe awadeɛ; na obiara a ɔware deɛ ne kunu agyae no no sɛe awadeɛ.


Enti ne kunu no da so te aseɛ no, sɛ ɔde ne ho kɔbɔ ɔbarima bi ho a, wɔbɛfrɛ no ɔwaresɛefoɔ; na sɛ ne kunu no wu a, na wayi ne ho afiri mmara no ho, na sɛ ɔkɔware ɔbarima foforɔ a, na ɔnyɛ ɔwaresɛefoɔ.


Ɔyere nni ɔno ara ne nipadua so tumi, na mmom okunu; saa ara nso na okunu nni ɔno ara ne nipadua so tumi, na mmom ɔyere.


Na sɛ ɔfiri ne fie kɔ na ɔkɔware ɔbarima bi,


Wɔnni awadeɛ ni, ade nyinaa mu, na wɔnngu awadeɛ mpa ho fi; ɛfiri sɛ nnwamamfoɔ ne awaresɛefoɔ deɛ, Onyankopɔn bɛbu wɔn atɛn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios