Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 9:3 - Twerɛ Kronkron

3 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mommfa biribiara nntu kwan, mommfa poma anaa bɔtɔ anaa aduane anaa sika anaa ntadeɛ mmienu mmienu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Na ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mo akwantu yi mu, mommfa biribiara nnkɔ, sɛ ɛyɛ pema anaa akwantukotoku, anaa aduan biara, anaa sika, anaa ntade abien abien.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

3 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mommfa biribiara nntu kwan, mommfa poma anaa bɔtɔ anaa aduane anaa sika anaa ntadeɛ mmienu mmienu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo akwantuo yi mu, mommfa biribiara nkɔ, sɛ ɛyɛ poma anaa akwantubɔtɔ, anaa aduane biara, anaa sika, anaa ntadeɛ mmienu mmienu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mommfa biribiara nntu kwan, mommfa poma anaa bɔtɔwa anaa aduan anaa sika anaa ntade abien abien.

Ver Capítulo Copiar




Luka 9:3
12 Referencias Cruzadas  

Bata AWURADE ho, na yɛ papa, tena asase so, na di nokorɛ,


Na ɔfrɛɛ dummienu no baa ne nkyɛn na ɔfitii aseɛ somaa wɔn baanu baanu, na ɔmaa wɔn ahonhom fi so tumi.


Na ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: Yei nti mese mo sɛ: Monnwennwene mo kra ho sɛ ɛdeɛn na mobɛdie anaa mo nipadua ho sɛ ɛdeɛn na mobɛfira.


Na sɛ Onyankopɔn ma wira mu ahahan a ɛwɔ hɔ nnɛ na ɔkyena wɔde agu fononoo mu no ntoma saa a, mprɛ ahe na ɔremma mo, mo a mo gyidie sua?


Na ɔsee wɔn sɛ: Mesomaa mo a na monkura sika kotokuo ne akwantuo bɔtɔ ne mpaboa no, biribi ho hiaa mo anaa? Na wɔse: Anhia yɛn hwee.


Na ɔbuaa wɔn sɛ: Deɛ ɔwɔ ntadeɛ mmienu no, ma no nkyɛ mu mma deɛ ɔnni bie bi, na deɛ ɔwɔ aduane no, ma no nyɛ saa ara.


Na Lewi too no pono kɛseɛ bi wɔ ne fie; na atogyefoɔ ne nnipa foforɔ pii ne wɔn bɛtenaa hɔ.


Na efie biara a mobɛkɔ mu no, ɛhɔ ara na montena, na moafiri hɔ akɔ.


Obi nkɔ ɔsa mfa daadaa asetena mu nsɛm mbarebare ne ho, na wasɔ ɔsahene ani.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios