Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 7:9 - Twerɛ Kronkron

9 Na Yesu tee yei no, ɛyɛɛ no nwanwa, na ɔdanee ne ho kyerɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo a wɔdi n’akyire no sɛ: Mese mo sɛ, Israel mu mpo, menhunuu gyidie kɛseɛ a ɛte sɛɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Yesu tee asɛm no, ne ho dwiriw no na ɔdan nʼani ka kyerɛɛ nnipakuw a wodi nʼakyi no se, “Anokwa, minhuu obiara a ɔwɔ gyidi sɛ saa ɔbarima yi wɔ Israelman nyinaa mu da.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

9 Na Yesu tee yei no, ɛyɛɛ no nwanwa, na ɔdanee ne ho kyerɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo a wɔdi n’akyire no sɛ: Mese mo sɛ, Israel mu mpo, menhunuu gyidie kɛseɛ a ɛte sɛɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Yesu tee asɛm yi no, ne ho dwirii no na ɔdanee nʼani ka kyerɛɛ nnipakuo a wɔdi nʼakyi no sɛ, “Anokwa, Israelman mu nyinaa, menhunuu obiara a ɔwɔ gyidie sɛ saa ɔbarima yi da.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Na Yesu tee eyi no, ɛyɛɛ no nwonwa, na ɔdan ne ho kyerɛɛ nkurɔfo akuwakuw a wodi n’akyi no sɛ: Mise mo sɛ, Israel mu po minhuu gyidi kɛse a ɛte sɛɛ.

Ver Capítulo Copiar




Luka 7:9
9 Referencias Cruzadas  

Ɛnna Yesu bua see no sɛ: O, ɔbaa, wo gyidie so; ɛnyɛ mma wo sɛdeɛ wopɛ no. Na amonom hɔ ara ne babaa no ho yɛɛ no den.


Na Yesu teeɛ no, ɛyɛɛ no nwanwa, na ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔdi n’akyire no sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, Israel mu mpo menhunuu gyidie kɛseɛ a ɛte sɛɛ pɛn.


Na ɔtuu honhommɔne no no, emum no kasae. Na ɛyɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo no nwanwa, na wɔkaa sɛ: Wɔnhunuu saa bi da wɔ Israel.


Na wɔn a wɔsomaa wɔn no sane kɔɔ fie no, wɔkɔhunuu akoa a na ɔyareɛ no sɛ ne ho ayɛ no den.


Na ɔka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ: Wo gyidie agye wo, kɔ asomdwoeɛ mu!


Na me nso meyɛ onipa a mehyɛ tumi aseɛ, na mewɔ asraafoɔ wɔ m’ase, na sɛ mese oyi sɛ: Kɔ! a, ɔkɔ, na mese ɔfoforɔ sɛ: Bra! a, ɔba, na mese m’akoa sɛ: Yɛ yei! a, ɔyɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios