Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 4:43 - Twerɛ Kronkron

43 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛsɛ sɛ meka Nyankopɔn ahennie ho asɛmpa no mekyerɛ nkuro foforɔ nso; ɛfiri sɛ yei na wɔbɔɔ din somaa me.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

43 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛsɛ sɛ meka asɛmpa a ɛfa Onyankopɔn ahenni ho no kyerɛ nkurow afoforo nso, efisɛ ɛno nti na wɔsomaa me.”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

43 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛsɛ sɛ meka Nyankopɔn ahennie ho asɛmpa no mekyerɛ nkuro foforɔ nso; ɛfiri sɛ yei na wɔbɔɔ din somaa me.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

43 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛsɛ sɛ meka Asɛmpa a ɛfa Onyankopɔn Ahennie ho no mekyerɛ afoforɔ nso, ɛfiri sɛ, ɛno enti na wɔsomaa me.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

43 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛsɛ sɛ meka Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa no mekyerɛ nkurow foforo nso; efisɛ eyi na wɔbɔɔ din somaa me.

Ver Capítulo Copiar




Luka 4:43
12 Referencias Cruzadas  

Montwe mpini me, montie yei. Ɛnyɛ ahuntaeɛ mu na mefiri mfitiaseɛ mekasaeɛ; ɛfiri berɛ a ɛbaeɛ no, na mewɔ hɔ, na afei AWURADE Nyankopɔn asoma me ne ne honhom.


Na Yesu kyinii Galilea nyinaa, kyerɛkyerɛe wɔn hyia adan mu, na ɔkaa ahennie no ho asɛmpa no, na ɔsaa yadeɛ ne ahoɔmmerɛ biara ɔman no mu.


Na ɔsɔree ahemadakye firii adi, na ɔkɔɔ ɛserɛ so baabi kɔbɔɔ mpaeɛ wɔ hɔ.


Ɛnna Yesu see wɔn bio sɛ: Asomdwoeɛ nka mo! Sɛdeɛ Agya no asoma me no, me nso mesoma mo.


Ɛsɛ yɛn sɛ adekyeeɛ wɔ hɔ yi, yɛyɛ deɛ ɔsomaa me no nnwuma; anadwo reba a obiara ntumi nyɛ adwuma.


Yesu a ɔfiri Nasaret, sɛdeɛ Onyankopɔn de Honhom Kronkron ne tumi sraa no, na ɔkyini yɛɛ yie, na ɔsaa wɔn a ɔbonsam hyɛɛ wɔn soɔ no yadeɛ, ɛfiri sɛ Onyankopɔn ka ne ho.


Pae mu ka asɛm no, gyina mu ɛberɛ a ɛyɛ ne deɛ ɛnyɛ mu, yi atɛn, ka anim, tu fo, abodwokyɛre ne nkyerɛkyerɛ nyinaa mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios