Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 3:7 - Twerɛ Kronkron

7 Ɛnna ɔka kyerɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo a wɔfiri baa sɛ ɔmmɔ wɔn asu no sɛ: Nhuritia mma! Hwan na ɔbɔɔ mo kɔkɔ sɛ monnwane mfiri abufuo a ɛreba no ho?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Yohane ka kyerɛɛ nkurɔfo a wɔbaa hɔ se ɔmmɔ wɔn asu no se, “Awɔ mma! Hena na ɔbɔɔ mo kɔkɔ sɛ munguan mfi abufuwhyew a ɛreba no ho?

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

7 Ɛnna ɔka kyerɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo a wɔfiri baa sɛ ɔmmɔ wɔn asu no sɛ: Nhuritia mma! Hwan na ɔbɔɔ mo kɔkɔ sɛ monnwane mfiri abufuo a ɛreba no ho?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Yohane ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ a wɔbaa hɔ sɛ ɔmmɔ wɔn asu no sɛ, “Awɔ mma! Hwan na ɔbɔɔ mo kɔkɔ sɛ monnwane mfiri abufuhyeɛ a ɛreba no ho?

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Ɛnna ɔka kyerɛɛ nkurɔfo akuwakuw a wofi bae sɛ ɔmmɔ wɔn asu no sɛ: Nhurutoa mma! Hena na ɔbɔɔ mo kɔkɔ sɛ munguan mfi abufuw a ɛreba no ho?

Ver Capítulo Copiar




Luka 3:7
12 Referencias Cruzadas  

Na mede ɔtan bɛto wo ne ɔbaa no ntam, ɛne w’asefoɔ ne n’asefoɔ ntam; ɔno na ɔbɛbɔ wo tire, na wo nso woaka ne nantin.


Wɔhwane ɔkyerebene nkosua, na wɔnwono ananse ntentan; deɛ ɔdi wɔn nkosua wu, na wɔtia bi so a, ɛpae ahuritia.


Nhuritia mma! Moyɛ abɔnefoɔ yi, mobɛyɛ dɛn atumi aka nsɛm pa? Na deɛ ayɛ akoma ma abu soɔ no, na ano ka.


Awɔ, nhuritia mma! Mobɛyɛ dɛn adwane amanehunu kurom atemmuo?


na wɔkaa wɔn bɔne maa no bɔɔ wɔn asu wɔ Asubɔnten Yordan mu.


Mo deɛ, mo agya a mofiri ne mu ne ɔbonsam, na mo agya no akɔnnɔdeɛ na mopɛ sɛ moyɛ. Ɔno na ɔyɛ owudifoɔ firi mfitiaseɛ, na ɔnnyina nokorɛ so; ɛfiri sɛ nokorɛ nni ne mu. Sɛ ɔka atorosɛm a, ɛfiri ɔno ara ne mu na ɔka; ɛfiri sɛ ɔyɛ ɔtorofoɔ ne atorɔ agya.


kaa sɛ: Wo a nnaadaa ne mmusuo nyinaa ayɛ wo ma, ɔbonsam ba, tenenee nyinaa tamfo, worennyae Awurade kwan a ɛtene no konton anaa?


na motwɛn ne Ba a ɔnyanee no firii awufoɔ mu no afiri soro, ɔno ne Yesu a ɔyi yɛn firi abufuo a ɛreba no mu.


na yɛafa nnoɔma mmienu a ɛnsakyera, a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn nni atorɔ wɔ biribiara mu no so anya awerɛhyɛmu a emu yɛ den, na yɛn a yɛadwane repɛ hintabea no bɛsɔ anidasoɔ a ɛda yɛn anim no mu.


Deɛ ɔyɛ bɔne no firi ɔbonsam, ɛfiri sɛ ɔbonsam na ɔfiri mfitiaseɛ yɛɛ bɔne. Yei nti na Nyankopɔn Ba no bɛyii ne ho adi sɛ ɔbɛsɛe ɔbonsam nnwuma.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios