Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 24:7 - Twerɛ Kronkron

7 sɛ: Ɛtwa sɛ wɔde Onipa Ba no hyɛ nnebɔneyɛfoɔ nsa, na wɔbɔ no asɛnnua mu, na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, wasɔre bio.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 ‘Etwa sɛ wɔde Onipa Ba no hyɛ nnebɔneyɛfo nsa na wɔbɔ no asennua mu na ne nnansa so wasɔre bio’ no?”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

7 sɛ: Ɛtwa sɛ wɔde Onipa Ba no hyɛ nnebɔneyɛfoɔ nsa, na wɔbɔ no asɛnnua mu, na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, wasɔre bio.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 ‘Ɛtwa sɛ wɔde Kristo no hyɛ nnebɔneyɛfoɔ nsa na wɔbɔ no asɛnnua mu na ne nnansa so wasɔre bio no?’ ”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 sɛ: Etwa sɛ wɔde Onipa Ba no hyɛ nnebɔneyɛfo nsa, na wɔbɔ no asɛnnua mu, na da a ɛto so abiɛsa no, wasɔre bio.

Ver Capítulo Copiar




Luka 24:7
4 Referencias Cruzadas  

Na ɛfiri saa berɛ no na Yesu Kristo fitii aseɛ kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ, ɛsɛ sɛ ɔkɔ Yerusalem na ɔkɔhunu amane pii mpanimfoɔ ne asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ no nsam, na wɔakum no, na ɛda a ɛtɔ so mmiɛnsa no wanyane.


Ɛnsɛ sɛ Kristo no bɛhunu saa amaneɛ no ansa na wakɔ n’animuonyam mu anaa?


Na ɔsee wɔn sɛ: Wɔatwerɛ sɛ: Kristo no bɛhunu amane, na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, wasɔre afiri awufoɔ mu,


Yɛn deɛ, yɛfiri yɛn awosuo mu yɛ Yudafoɔ, na yɛnyɛ amanaman mu nnebɔneyɛfoɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios