Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 24:4 - Twerɛ Kronkron

4 Na ɛbaa sɛ yei yɛɛ wɔn tirim keserenee no, hwɛ, mmarima baanu bɛgyinaa wɔn nkyɛn a wɔhyɛ ntadeɛ a ɛhyerɛn.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Wogyinagyina hɔ a wonhu nea wɔnyɛ no, mpofirim na mmarima baanu bi a wɔhyehyɛ ntade fitafitaa a ani hyerɛn begyinagyinaa wɔn nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

4 Na ɛbaa sɛ yei yɛɛ wɔn tirim keserenee no, hwɛ, mmarima baanu bɛgyinaa wɔn nkyɛn a wɔhyɛ ntadeɛ a ɛhyerɛn.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Wɔde ahodwirie gyina hɔ no, amonom hɔ ara, mmarima baanu bi a wɔhyehyɛ ntadeɛ fitafitaa a ani hyerɛn bɛgyinagyinaa wɔn nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Na ɛbae sɛ eyi yɛɛ wɔn tirim keserenee no, hwɛ, mmarima baanu begyinaa wɔn nkyɛn a wɔhyɛ ntade a ɛhyerɛn.

Ver Capítulo Copiar




Luka 24:4
9 Referencias Cruzadas  

Na ɔmaa n’ani so hwɛe, na hwɛ, mmarima baasa abɛgyina ne ntentensoɔ. Na ɔhunuu wɔn no, ɔfirii ne ntomadan pono ano tuu mmirika kɔhyiaa wɔn, na ɔbɔɔ ne mu ase


Na wɔkɔɔ ɛda no mu no, wɔhunuu aberanteɛ bi sɛ ɔte nifa soɔ, hyɛ atadeɛ tentene fitaa, na wɔbɔɔ binim.


Na Awurade bɔfoɔ bɛgyinaa wɔn nkyɛn, na Awurade animuonyam hran twaa wɔn ho hyiae, na ehu kɛseɛ kaa wɔn.


Na ehu kaa wɔn maa wɔsisii wɔn tiri ase, na mmarima no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Adɛn na mohwehwɛ ɔteasefoɔ awufoɔ mu yi?


Na ɔrekorɔ na wɔrehwɛ soro haa no, hwɛ, mmarima baanu bi a wɔhyɛ ntadeɛ fitaa bɛgyinaa wɔn nkyɛn,


Na hwɛ, Awurade bɔfoɔ bɛgyinaa ne nkyɛn, na ɛdan no mu hɔ hrann; na ɔbɔɔ Petro nkyɛn mu nyanee no sɛ: Sɔre ntɛm! Na ne nkɔnsɔnkɔnsɔn no firii ne nsa gui.


Na adeɛ a wɔpae mu ka sɛ ɛso ne onyamesom pa ahuntasɛm no: Onyankopɔn yii ne ho adi honam mu, wɔbuu no bem honhom mu, ɔyii ne ho kyerɛɛ abɔfoɔ, wɔkaa ne ho asɛm amanaman mu, wɔgyee no dii wiase, wɔfaa no kɔɔ soro, animuonyam mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios