Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 23:25 - Twerɛ Kronkron

25 Na ɔgyaee deɛ sakasaka ne awudie nti wɔde no kɔtoo afiase a wɔsrɛɛ no no maa wɔn, na Yesu deɛ, ɔyii no mae sɛdeɛ wɔpɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

25 Ogyaa Baraba a esiane sɛ ɔhwanyan ɔman san dii awu no nti ɔde no too afiase no maa wɔn. Na ɔde Yesu maa wɔn sɛnea wɔpɛ no.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

25 Na ɔgyaee deɛ sakasaka ne awudie nti wɔde no kɔtoo afiase a wɔsrɛɛ no no maa wɔn, na Yesu deɛ, ɔyii no mae sɛdeɛ wɔpɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

25 Wɔgyaee Baraba a ɛsiane sɛ ɔhwanyanee ɔman sane dii awu no enti, ɔde no too afiase no maa wɔn. Na ɔde Yesu maa wɔn sɛdeɛ wɔpɛ no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

25 Na ogyaa nea sakasaka ne awudi nti wɔde no kɔtoo afiase a wɔsrɛɛ no no maa wɔn, na Yesu de, oyii no mae sɛnea wɔpɛ.

Ver Capítulo Copiar




Luka 23:25
12 Referencias Cruzadas  

Na mopoo Ɔkronkronni ne Ɔteneneeni no, na mosrɛɛ sɛ wɔmfa owudifoɔ nkyɛ mo.


Na Pilato pɛɛ sɛ ɔsɔ nkurɔfoɔ no ani nti, ɔgyaee Baraba maa wɔn; na Yesu deɛ, ɔhwee no mpire no, ɔyii no maa wɔn sɛ wɔnkɔbɔ no asɛnnua mu.


Ɛnna wɔn nyinaa teaa mu bio sɛ: Ɛnyɛ oyi, na mmom Baraba! Nso Baraba yɛ odwotwafoɔ.


Nanso wɔkae ara sɛ: Ɔhwanyan ɔman mu, ɔkyerɛkyerɛ Yudea man nyinaa mu, ɔfirii aseɛ Galilea na ɔde abɛduru ha yi.


Na wɔfirii aseɛ totoo n’ano sɛ: Yɛahunu sɛ onipa yi resɛe yɛn man, na wabara sɛ wɔnnyi toɔ mma Kaesare, na ɔka sɛ ɔno ara ne Ɔhene Kristo no.


Ɛnna ɔgyaee Baraba maa wɔn; na ɔhwee Yesu mpire no, ɔyii no maa sɛ wɔnkɔbɔ no asɛnnua mu.


Na afei, hwɛ, ɔhene a moyiiɛ a mosrɛɛ no no nie, na hwɛ, AWURADE asi mo so hene.


Na Pilato buu atɛn sɛ ɛnyɛ sɛdeɛ wɔbisaeɛ no.


Na wɔde no rekorɔ no, wɔsɔɔ Simon bi a ɔfiri Kirene a ɔfiri afuom reba no mu, na wɔde asɛnnua no too ne so sɛ ɔnsoa nni Yesu akyi.


Ɛno na afei ɔyii no maa wɔn hyɛɛ sɛ wɔnkɔbɔ no asɛnnua mu. Na wɔfaa Yesu de no kɔeɛ.


Na ɔhene no ka kyerɛɛ Haman sɛ: Dwetɛ no, wɔde ama wo, na ɔman no nso, yɛ wɔn sɛdeɛ wo pɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios