Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 22:44 - Twerɛ Kronkron

44 Na ɔwɔ owuo yea mu no, ɔmaa ne mpaebɔ mu yɛɛ den. Na ne ho fifire yɛɛ sɛ mogya ntowantowa a ɛsosɔ fam.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

44 Esiane sɛ na Yesu ho yeraw no wɔ Honhom mu no nti, ɔmaa ne mpaebɔ mu yɛɛ den maa ne ho fifiri yɛɛ sɛ mogya atɔwatɔw sosɔ guu fam.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

44 Na ɔwɔ owuo yea mu no, ɔmaa ne mpaebɔ mu yɛɛ den. Na ne ho fifire yɛɛ sɛ mogya ntowantowa a ɛsosɔ fam.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

44 Esiane sɛ na Yesu ho yera no wɔ Honhom mu no enti, ɔmaa ne mpaeɛbɔ mu yɛɛ den maa ne ho fifire yɛɛ sɛ mogya ntowantowa sosɔ guu fam.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

44 Na ɔwɔ owu yaw mu no, ɔmaa ne mpaebɔ mu yɛɛ den. Na ne ho fifiri yɛe sɛ mogya atɔwatɔw a ɛsosɔ fam.

Ver Capítulo Copiar




Luka 22:44
16 Referencias Cruzadas  

Na ɛyɛɛ AWURADE pɛ sɛ ɔdwerɛ no; na ɔbɔɔ no yadeɛ. Sɛ ɔnya de ne kra to hɔ yɛ asodie afɔdeɛ a, ɔbɛhunu asefoɔ, ne nna bɛware, na deɛ ɛyɛ AWURADE pɛ bɛyɛ yie wɔ ne nsam.


Ɛmfa mo a mofa ɔkwan so twam nyinaa ho bi? Monhwɛ na monhunu sɛ ɛyea bi wɔ hɔ a ɛte sɛ me yea, a aka me yi, a AWURADE de aho me werɛ n’abufuhyeɛ da no!


Na ɔsɔre firii mpaebɔ mu baa asuafoɔ no nkyɛn no, ɔbɛhunuu wɔn sɛ awerɛhoɔ nti wɔadeda,


Afei me kra ho yera no; na ɛdeɛn na menka? Agya, gye me firi dɔn yi mu! Nanso yei nti na mebaa dɔn yi mu.


Deɛ wankame yɛn ɔno ara ne ba, na mmom yɛn nyinaa nti ɔyii no maeɛ no, ɛbɛyɛ dɛn na ɔremfa ade nyinaa nso nka ne ho mmɛdom yɛn?


Ɔno a ne honam nna no mu ɔde mpaebɔ ne nkotosrɛ brɛɛ deɛ ɔbɛtumi agye no afiri owuo mu wɔ nteamu a emu yɛ den ne nisuo mu, na ahobrɛaseɛ suro nti wɔtiee no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios