Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 22:43 - Twerɛ Kronkron

43 Na ɔbɔfoɔ firii soro bɛyii ne ho kyerɛɛ no hyɛɛ no den.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

43 Ogu so rebɔ mpae no, ɔbɔfo fi ɔsoro bɛhyɛɛ no den.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

43 Na ɔbɔfoɔ firii soro bɛyii ne ho kyerɛɛ no hyɛɛ no den.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

43 Ɔgu so rebɔ mpaeɛ no, ɔbɔfoɔ firi ɔsoro bɛhyɛɛ no den.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

43 Na ɔbɔfo fii soro beyii ne ho kyerɛɛ no hyɛɛ no den.

Ver Capítulo Copiar




Luka 22:43
16 Referencias Cruzadas  

C Ɛnna ɔbonsam gyaa no hɔ, na hwɛ, abɔfoɔ ba bɛsomm no.


Wɔn nyinaa nyɛ ahonhom asomfoɔ a, wɔn a, wɔbɛyɛ nkwagyeɛ no adedifoɔ no nti, wɔsoma wɔn sɛ wɔnkɔsom no anaa?


Anaasɛ wodwene sɛ anka merentumi mensrɛ m’Agya seesei na ɔnsoma abɔfoɔ asafodɔm bɛboro dummienu mmɛgyina me ho?


Na ɔnya de abakan no ba wiase bio a, ɔse: Ma Nyankopɔn abɔfoɔ nyinaa nsɔre no!


Na adeɛ a wɔpae mu ka sɛ ɛso ne onyamesom pa ahuntasɛm no: Onyankopɔn yii ne ho adi honam mu, wɔbuu no bem honhom mu, ɔyii ne ho kyerɛɛ abɔfoɔ, wɔkaa ne ho asɛm amanaman mu, wɔgyee no dii wiase, wɔfaa no kɔɔ soro, animuonyam mu.


Nanso masrɛ mama wo, na woampa wo gyidie. Na wo deɛ, sɛ daakye, sɛ wosan gyina a, hyɛ wo nuanom den!


na ɔsee no sɛ: Sɛ wone Nyankopɔn ba no a, to wo ho twene fam; na wɔatwerɛ sɛ: Wo nti, ɔbɛhyɛ n’abɔfoɔ, na wɔabɛsoa wo wɔn nsam, na woamfa wo nan ampem boɔ.


Na hyɛ Yosua yie, na hyɛ no den na hyɛ no aboɔduro, ɛfiri sɛ ɔno na ɔbɛdi ɔman yi anim akyɛ asase a wobɛhunu no mu ama wɔn.


Enti ɛhiaa no sɛ ɔsɛ ne nuanom nnoɔma nyinaa mu, na wayɛ mmɔborɔhunu ne nokorɛ sɔfo panin, Nyankopɔn fam nnoɔma no mu, na wayɛ ɔman no bɔne ho mpata.


Na ɔkyɛree hɔ kakra no, ɔfirii hɔ kɔkyinii Galatia ne Frigia nkuro nyinaa mu hyɛɛ asuafoɔ no nyinaa den.


hyehyɛɛ asuafoɔ no akra den, tutuu wɔn fo sɛ wɔntena gyidie mu, kaa nso sɛ ɛtwa sɛ yɛnam amanehunu pii mu kɔ Nyankopɔn ahennie mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios