Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 21:7 - Twerɛ Kronkron

7 Na wɔbisaa no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, da bɛn na yeinom bɛba, na yeinom rebɛba a, ɛho nsɛnkyerɛnneɛ ne sɛn?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Wobisaa no se, “Kyerɛkyerɛfo, bere bɛn na asɛm a woreka yi besi, na ho nsɛnkyerɛnne bɛyɛ dɛn?”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

7 Na wɔbisaa no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, da bɛn na yeinom bɛba, na yeinom rebɛba a, ɛho nsɛnkyerɛnneɛ ne sɛn?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Wɔbisaa no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, berɛ bɛn na asɛm a woreka yi bɛsi, na ɛho nsɛnkyerɛnneɛ bɛyɛ sɛn?”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Na wobisaa no sɛ: Kyerɛkyerɛfo, da bɛn na eyinom bɛba, na eyinom rebɛba a, ɛho sɛnkyerɛnne ne dɛn?

Ver Capítulo Copiar




Luka 21:7
13 Referencias Cruzadas  

Na ɔte Ngo Bepɔ soɔ no, asuafoɔ no baa ne nkyɛn wɔ afa baabi bɛkaa sɛ: Ka kyerɛ yɛn, da bɛn na yeinom bɛyɛ hɔ, na ɛdeɛn na ɛbɛyɛ wo ba ne wiase awieeɛ no ho nsɛnkyerɛnneɛ?


Na sɛ mohunu akyiwadeɛ a ɛbɔ man no sɛ ɛgyina faako a ɛnsɛ no a, (ma deɛ ɔkenkan no nte aseɛ!) ɛno na ma wɔn a wɔwɔ Yudea nnwane nkɔ mmepɔ soɔ;


Nokorɛ mese mo sɛ, awoɔ ntoatoasoɔ yi rentwam, gye sɛ ne nyinaa aba mu ansa.


Nnoɔma a mohunu yi deɛ, nna bi bɛba a wɔrennya ɔboɔ wɔ ɔboɔ so wɔ emu a wɔrennwiri ngu fam.


Na ɔse: Monhwɛ na wɔannaadaa mo, na nnipa bebree bɛba me din mu abɛka sɛ: Mene no, na, Ɛberɛ no abɛn. Na enti monnni wɔn akyi!


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios