Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 21:25 - Twerɛ Kronkron

25 Na nsɛnkyerɛnneɛ bɛba owia ne ɔsrane ne nsoromma mu, na amanaman ho bɛyera wɔn asase so, ɛpo ne asorɔkyeɛ a ɛrehuro no nti;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

25 “Nsɛnkyerɛnne bɛba owia, ɔsram ne nsoromma mu na po asorɔkye bɛbobɔ mu, aworo so ama ne nnyigyei dennen no de ahoyeraw aba aman nyinaa so.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

25 Na nsɛnkyerɛnneɛ bɛba owia ne ɔsrane ne nsoromma mu, na amanaman ho bɛyera wɔn asase so, ɛpo ne asorɔkyeɛ a ɛrehuro no nti;

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

25 “Nsɛnkyerɛnneɛ bɛba owia, ɔsrane ne nsoromma mu na ɛpo asorɔkye bɛbobom, aworo so ama ne nnyegyeeɛ denden no de ahoyera aba aman nyinaa so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

25 Na nsɛnkyerɛnne bɛba owia ne ɔsram ne nsoromma mu, na amanaman ho bɛyeraw wɔn asase so, ɛpo ne asorɔkye a ɛrehuru nti;

Ver Capítulo Copiar




Luka 21:25
26 Referencias Cruzadas  

na emu nsuo woro na ɛhuru na n’asorɔkyeɛ ma mmepɔ woso mpo a, yɛrensuro.


Na ɔsoro nsoromma ne emu akunini renhyerɛn, owia bɛduru sum n’adifire mu, na ɔsrane nso renharan.


Aa, aman bebree huuyɛ, wɔyɛ huu sɛ ɛpo huuyɛ! Aa, ne aman hooyɛ, wɔyɛ hoo sɛ nsuo a ɛyɛ den hooyɛ!


Na ɔsrane ani bɛwu, na owia anim bɛgu ase, ɛfiri sɛ asafo AWURADE bɛdi hene wɔ Sion bepɔ so ne Yerusalem, na wayi n’animuonyam wɔ ne mpanimfoɔ anim.


Na wɔbɛworo atia wɔn da no sɛdeɛ ɛpo worɔ, na wɔhwɛ asase a, na hwɛ, ahohiahia ne sum nie, na hann redane wɔn so sum wɔ wiem hɔ.


Na mene AWURADE, wo Nyankopɔn, a ɔhwanyan ɛpo ma n’asorɔkyeɛ yɛ huu no, asafo AWURADE ne ne din.


Mehwɛɛ asase, na hwɛ, na ɛyɛ sakasaka ne amamfo. Na mehwɛɛ ɔsoro, na ne hann nni hɔ.


Wɔn mu nipa pa te sɛ hwerɛmo, wɔn mu teefoɔ sene nkasɛɛ ban. W’awɛmfoɔ da no, w’asotwe no reba, ɛno na wɔn sakasakayɛ bɛduro.


Na nna no mu ahohiahia akyiri no, ntɛm ara owia bɛduru sum, na ɔsrane renhyerɛn, na nsoromma bɛtutu firi soro agu fam, na ɔsoro ahoɔden awoso.


Na ɛfiri bɛyɛ awia dummienu berɛ no, esum duruu asase nyinaa so kɔsii awia nnɔnmmiɛnsa.


Na nna no mu ahohiahia no akyiri no, owia bɛduru sum, na ɔsrane renhyerɛn,


Na ɛno na wɔbɛhunu Onipa Ba no sɛ ɔde tumi kɛseɛ ne animuonyam reba mununkum mu.


Na ɛbɔɔ awia dummienu no, esum duruu asase no nyinaa so kɔsii nnɔnmmiɛnsa.


Na wɔbɛtotɔ nkrantɛ ano, na wɔafa wɔn nnommum akɔ amanaman nyinaa so. Na wiase amanaman bɛtiatia Yerusalem so de akɔsi sɛ amanaman no berɛ bɛwie duro.


na ehu ne nnoɔma a wɔhwɛ a ɛreba wiase no bɛma nnipa atotɔ bera; ɛfiri sɛ wɔbɛwoso ɔsoro ahoɔden.


Na mɛma anwanwadeɛ aba ewiem wɔ ɔsoro, na nsɛnkyerɛnneɛ aba asase so ɛfam, mogya ne ogya ne wisie kumoo.


Na mehunuu ahennwa fitaa kokuroo ne deɛ ɔte soɔ a asase ne ɔsoro dwane firii n’anim; na wɔannya baabi amma wɔn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios