Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 21:22 - Twerɛ Kronkron

22 ɛfiri sɛ yei ne aweredie nna, na nnoɔma a wɔatwerɛ no nyinaa aba mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Saa bere yi mu na Onyankopɔn asotwe a adiyifo no hyɛɛ ho nkɔm wɔ Kyerɛwsɛm no mu no bɛba mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

22 ɛfiri sɛ yei ne aweretɔ nna, na nnoɔma a wɔatwerɛ no nyinaa aba mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Saa ɛberɛ yi mu na Onyankopɔn asotwe a adiyifoɔ no hyɛɛ ho nkɔm wɔ Atwerɛsɛm no mu no bɛba mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

22 efisɛ eyi ne aweredi nna, na nneɛma a wɔakyerɛw no nyinaa aba mu.

Ver Capítulo Copiar




Luka 21:22
22 Referencias Cruzadas  

Na AWURADE wɔ aweretɔ da ne ananmuhyɛ afe a ɔbɛdi ama Sion.


na mempae AWURADE anisɔ afe ne yɛn Nyankopɔn aweretɔ da no, menkyekyere abooboodifoɔ nyinaa werɛ,


Na aweretɔ da bi wɔ m’akoma mu, na me gyeɛ afe no aba.


Monnwane mfiri Babel mu, na mommema mo kra mfiri mu mfi, na monnnwerɛ wɔ n’amumuyɛ mu, na AWURADE aweretɔ berɛ nie, ɔretua no ne nneyɛɛ so ka.


Asotwe nna no anya aba, aweretɔ nna no anya adu; Israel bɛhunu sɛ odiyifoɔ no yɛ ogyimifoɔ, na honhom nipa no yɛ ɔbɔdamfoɔ, amumuyɛ dodoɔ ne ɔtane a ɛso pii no nti.


Na hwɛ, ɛda no reba a ɛbɛhye sɛ fononoo, na ahantanfoɔ nyinaa ne obiara a ɔdi abɔnefosɛm bɛyɛ nkyɛnkyɛmma, na ɛda a ɛreba no bɛhye wɔn, asafo AWURADE na ɔseɛ, na ɛrennya wɔn nhini anaa duban.


Na yei nyinaa yɛɛ hɔ, na deɛ Awurade nam odiyifoɔ no so kaeɛ no aba mu sɛ:


Na w’akoma den ne akoma pirim nti, woreboaboa abufuo ano de atwɛn abufuo ne Nyankopɔn atɛntenenee no adiyie da no.


Wɔnkoraa yeinom wɔ me nkyɛn, na wɔnsɔɔ ano wɔ m’adekorabea?


Amanaman, mo ne ne man mmɔ anigyese, ɛfiri sɛ ɔbɛtɔ ne nkoa mogya so were, na ɔde aweretɔ bɛtua n’atamfo ka, na wapata ama n’asase, ne man.


Awurade nim sɛdeɛ ɔbɛyi wɔn a wɔde fɛreɛ som no afiri sɔhwɛ mu, na wama wɔatwe wɔn a wɔntene aso de wɔn asie atemmuo da,


Na ɔsoro ne asase a ɛwɔ hɔ yi, wɔde n’asɛm no ara na akora, na wɔde asie ama ogya, ama atemmuo ne nnipa amumuyɛfoɔ sɛeɛ da no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios