Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 21:1 - Twerɛ Kronkron

1 Na ɔmaa n’ani so hunuu adefoɔ a wɔde wɔn ayɛyɛdeɛ regu ɛtoɔ adaka no mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Yesu te asɔredan mu hɔ no, ohuu asikafo bi a wɔde wɔn afɔrebɔde akɛseakɛse regu afɔrebɔ adaka no mu.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Na ɔmaa n’ani so hunuu adefoɔ a wɔde wɔn ayɛyɛdeɛ regu ɛtoɔ adaka no mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Yesu te asɔredan mu hɔ no, ɔhunuu asikafoɔ bi a wɔde wɔn afɔrebɔdeɛ akɛseakɛseɛ regu afɔrebɔ adaka no mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Na ɔmaa n’ani so huu adefo a wɔde wɔn ayɛyɛde regu tow adaka no mu.

Ver Capítulo Copiar




Luka 21:1
12 Referencias Cruzadas  

Na ɔfaa AWURADE fie akoradeɛ ne ahemfie akoradeɛ, ɔfaa ne nyinaa kɔe. Na ɔfaa sika akyɛm a Salomo yɛeɛ no nso nyinaa.


Ɛnna Ɔsɔfoɔ Yehoiada faa adaka bi, na ɔtuu ne mmuasoɔ mu tokuro, na ɔde sii afɔrebukyia ho, deɛ wɔfa ba AWURADE fie no nifa; na asɔfoɔ a wɔhwɛ ɛpono no ano no de sika a wɔde ba AWURADE fie no nyinaa guu mu.


Na ɔkɔfaa AWURADE fie akoradeɛ nyinaa ne ahemfie akoradeɛ firi hɔ kɔe, na ɔtwitwaa sika nnoɔma a Israelhene Salomo yɛɛ no AWURADE aban mu no ho sika, sɛdeɛ AWURADE kaeɛ no.


Na Nyankopɔn fie nnoɔma no nyinaa, akɛseɛ ne nketewa, ne AWURADE fie akoradeɛ ne ɔhene no ne ne mmapɔmma akoradeɛ, ɔde ne nyinaa kɔɔ Babel.


Na mesisii akoradeɛ no so ahwɛfoɔ: Ɔsɔfoɔ Selemia, Ɔtwerɛfoɔ Sadok ne Pedaia a ɔfiri Lewifoɔ no mu no; na na wɔn ase na Sakur ba Matania ba Hanan hyɛ, ɛfiri sɛ na wɔbu wɔn nokwafoɔ, na wɔn na na wɔkyekyɛ nnoɔma no ma wɔn nuanom no.


Na asɔfoɔ mpanimfoɔ no faa nnwetɛbena no kaa sɛ: Ɛnni ho kwan sɛ wɔde gu ayɛyɛdeɛ adaka mu, ɛnam sɛ ɛyɛ mogya ano boɔ.


wɔn na wɔbɔ akunafoɔ apoo, nanso wɔboapa bɔ mpaeɛ atentene kyerɛ. Yeinom na wɔbɛnya afobuo a ɛso.


Ɔrekyerɛkyerɛ asɔrefie no, na ɔkaa nsɛm yi sikakorabea hɔ; na obi ankye no, ɛfiri sɛ na ne dɔn nnya nnuruiɛ.


Na dwetɛ ne sika, ne kɔbere mfrafraeɛ ne dadeɛ nnoɔma nyinaa nyɛ kronkron mma AWURADE, na wɔmfa mmra AWURADE adekorabea.


Na kuro no deɛ, wɔde ogya hyee ɛne deɛ ɛwɔ mu nyinaa. Emu dwetɛ ne sika, ne kɔbere mfrafraeɛ ne dadeɛ nnoɔma nko na wɔde bɛguu AWURADE fie adekorabea no mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios