Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 2:44 - Twerɛ Kronkron

44 Na wɔsusuu sɛ wafra nnipakuo no mu nti, wɔkɔɔ da koro kwan, na wɔhwehwɛɛ no wɔn abusuafoɔ ne amannifoɔ mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

44 Wotwaa da koro kwan a wɔn ani baa wɔn ho so sɛ Yesu nka wɔn ho no, wofii ase bisabisaa nʼase fii wɔn abusuafo ne amannifo nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

44 Na wɔsusuu sɛ wafra nnipakuo no mu nti, wɔkɔɔ da koro kwan, na wɔhwehwɛɛ no wɔn abusuafoɔ ne amannifoɔ mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

44 Wɔtwaa da koro ɛkwan a wɔn ani baa wɔn ho so sɛ Yesu nka wɔn ho no, wɔhyɛɛ aseɛ bisabisaa nʼase firii wɔn abusuafoɔ ne amannifoɔ nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

44 Na wosusuwii sɛ wafra nnipakuw no mu nti, wɔkɔɔ da koro kwan, na wɔhwehwɛɛ no wɔn abusuafo ne amannifo mu.

Ver Capítulo Copiar




Luka 2:44
6 Referencias Cruzadas  

Mekae yeinom, na mehwie me kra wɔ me mu, sɛdeɛ me ne asafokuo nante kɔɔ Nyankopɔn fie, na me ne nkurɔfoɔ a wɔnam yuu hyɛ fa no de ayeyie ne aseda nnwom kɔeɛ no.


Na aman pii bɛkɔ akɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ AWURADE bepɔ so nkɔ Yakob Nyankopɔn fie, na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan, na yɛnnante n’atempɔn so: Na Sion na mmara bɛfire, na AWURADE asɛm afiri Yerusalem.


Na wɔdii nna no wieeɛ, na wɔresane aba no, abɔfra Yesu no kaa akyire wɔ Yerusalem, nanso na n’awofoɔ nnim.


Na wɔanhu no no, wɔsane baa Yerusalem bɛhwehwɛɛ no.


Na n’amannifoɔ nyinaa ne mmaa a wɔdii n’akyi firi Galilea no abɛgyina akyirikyiri rehwɛ nnoɔma yi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios