Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 19:6 - Twerɛ Kronkron

6 Na ɔyɛɛ ntɛm sii fam, na ɔde anigyeɛ bɛgyee no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Sakeo yɛɛ ntɛm sii fam de anigye gyee no fɛw so.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

6 Na ɔyɛɛ ntɛm sii fam, na ɔde anigyeɛ bɛgyee no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Sakeo yɛɛ ntɛm sii fam de anigyeɛ gyee no fɛ so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Na ɔyɛɛ ntɛm sii fam, na ogyee Yesu ɔfɛw so.

Ver Capítulo Copiar




Luka 19:6
11 Referencias Cruzadas  

Wohyia deɛ ɔde anigyeɛ di asɛntenenee, wɔn a wɔkae wo w’akwan soɔ no. Hwɛ, wo bo fui, na yɛyɛɛ bɔne; na ɛno mu na yɛwɔ dadaada yi, na wɔbɛgye yɛn nkwa anaa?


Na Yesu duruu hɔ no, ɔmaa n’ani so hunuu no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sakeo, yɛ ntɛm si fam! Na wo fie na ɛsɛ sɛ metena nnɛ.


Na nkurɔfokuo no hunuiɛ no, wɔn nyinaa nwiinwii kaa sɛ: Ɔrekɔ akɔsoɛ ɔbarima a ɔyɛ debɔneyɛni.


Na wɔkɔɔ no ntɛm so, na wɔkɔhunuu Maria ne Yosef ne akɔkoaa no sɛ ɔda mmoa adididaka no mu.


Na Lewi too no pono kɛseɛ bi wɔ ne fie; na atogyefoɔ ne nnipa foforɔ pii ne wɔn bɛtenaa hɔ.


Na wɔbɔɔ ɔno ne ne fiefoɔ asu no, ɔsrɛɛ sɛ: Sɛ moabu me sɛ megye Awurade medi nokorɛ mu a, mommra mmɛtena me fie; na ɔsrɛɛ yɛn ara maa yɛn ne no kɔe.


Na ɔde wɔn baa ne fie too wɔn pono, na sɛ wɔagye Onyankopɔn adie nti, ɔne ne fiefoɔ nyinaa ho sanee wɔn.


Ɛnna wɔn a wɔgyee n’asɛm no maa wɔbɔɔ wɔn asu. Na da no ara wɔde akra bɛyɛ mpensa bɛkaa wɔn ho.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios