Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 19:13 - Twerɛ Kronkron

13 Na ɔfrɛɛ ne nkoa mu du de mmɛnnaa du maa wɔn; na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monyɛ ho adwuma nkɔsi sɛ mɛba.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Ansa na ɔrebefi nʼakwantu no ase no, ɔfrɛɛ nʼadwumayɛfo mu du maa wɔn mu biara mina du ka kyerɛɛ wɔn se, ‘Momfa sika yi nyɛ adwuma nkosi sɛ mɛba.’

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

13 Na ɔfrɛɛ ne nkoa mu du de mmɛnnaa du maa wɔn; na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monyɛ ho adwuma nkɔsi sɛ mɛba.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Ansa na ɔrebɛfiri nʼakwantuo no ase no, ɔfrɛɛ nʼadwumayɛfoɔ mu edu maa wɔn mu biara mina edu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Momfa sika yi nyɛ adwuma kɔsi sɛ mɛba.’

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 Na ɔfrɛɛ ne nkoa mu du de mmɛnnaa du maa wɔn; na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monyɛ ho adwuma nkosi sɛ mɛba.

Ver Capítulo Copiar




Luka 19:13
15 Referencias Cruzadas  

Na ntɛm ara deɛ ɔnyaa talente nnum no kɔe, de kɔyɛɛ adwuma na ɔnyaa ho talente nnum.


Na deɛ ɔnyaa talente nnum no bae, de talente nnum kaa ho baa sɛ: Owura, talente nnum na wode hyɛɛ me nsa. Hwɛ, manya talente foforɔ nnum maka ho.


Na deɛ ɔnyaa talente mmienu no baa sɛ: Owura, talente mmienu na wode hyɛɛ me nsa. Hwɛ, manya talente foforɔ mmienu maka ho.


Na deɛ ɔnyaa talente baako no nso baa sɛ: Owura, menim wo sɛ woyɛ onipa a woyɛ den a wotwa faako a wonnuaeɛ, na woboaboa ano faako a womfa mpeteeɛ;


Ɔdehyeɛ bi kɔɔ asase bi so akyirikyiri, sɛ ɔrekɔgye n’ahennie na wasane aba.


Na ne manfoɔ tane no, na wɔsomaa abɔfoɔ dii n’akyiri sɛ: Yɛmpɛ sɛ oyi di yɛn so hene.


Sɛ obi som me a, ma no nni m’akyi, na faako a mewɔ no, ɛhɔ na me somfoɔ nso bɛba; na sɛ obi som me a, m’Agya bɛdi no ni.


Na afei anim pa na merehwehwɛ afiri nnipa hɔ anaasɛ sɛ Onyankopɔn hɔ? Anaasɛ mehwehwɛ sɛ mesɔ nnipa ani anaa? Sɛ meda so mesɔ nnipa ani a, ɛnneɛ na menyɛ Kristo akoa.


Yakobo, Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo akoa, kyea mmusuakuo dummienu a wɔahweteɛ no.


Simon Petro, Yesu Kristo akoa ne somafoɔ, de kɔma wɔn a wɔanya gyidie sɛ yɛn deɛ no, yɛn Nyankopɔn ne Agyenkwa Yesu Kristo tenenee mu:


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios