Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 17:8 - Twerɛ Kronkron

8 Na ɔrense no sɛ: Siesie deɛ mɛdie, na bɔ abɔsoɔ bɛsom me, na mennidi na mennom ansa, na akyire yi no, wo nso woakɔdidi na woanom?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Na mmom ɔrenka nkyerɛ no se, ‘Noa aduan ma me na sɛ mididi wie a, wo nso woakodidi?’

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

8 Na ɔrense no sɛ: Siesie deɛ mɛdie, na bɔ abɔsoɔ bɛsom me, na mennidi na mennom ansa, na akyire yi no, wo nso woakɔdidi na woanom?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Na mmom ɔrenka nkyerɛ no sɛ, ‘Noa aduane ma me na sɛ modidi wie a, wo nso woakɔdidi?’

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Na ɔrense no sɛ: Siesie nea medi, na bɔ abɔso bɛsom me, na minnidi na mennom ansa, na akyiri no, wo nso woakodidi na woanom?

Ver Capítulo Copiar




Luka 17:8
6 Referencias Cruzadas  

Na Yosef hunuu Benyamin sɛ ɔka wɔn ho no, ɔka kyerɛɛ ne fie panin sɛ: Fa nnipa yi kɔ fie, na kum mmoa siesie yɛ aduane, na nnipa yi ne me rebɛdidi awia yi.


Ɛnna Dawid sɔre firii fam, na ɔdware srae, na ɔsakyeraa n’atadeɛ, na ɔkɔɔ AWURADE fie kɔsɔree. Na ɔbaa ne fie, na ɔbisa maa wɔde aduane bɛsii n’anim, na ɔdiiɛ.


Nhyira ne nkoa no a owura no ba a, ɔbɛto wɔn sɛ wɔrewɛn. Nokorɛ mese mo sɛ, ɔbɛbɔ n’abɔsoɔ, na wama wɔatena adidiiɛ, na waba abɛsom wɔn.


Mo mu hwan na ɔwɔ akoa a ɔfuntum asase anaasɛ ɔhwɛ mmoa, na ɔfiri afuom ba fie a, ɔbɛse no sɛ: Bɛsene ntɛm kɔtena adidiiɛ?


Ɔbɛda akoa no ase sɛ wayɛ deɛ wɔahyɛ no no?


ɔsɔre firii adidiiɛ, na ɔyii n’atadeɛ guu hɔ, na ɔfaa mpepaho de kyekyeree ne ho.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios