Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 13:16 - Twerɛ Kronkron

16 Na hwɛ, ɔbaa yi a ɔyɛ Abraham babaa a Satan akyekyere no mfirinhyia dunwɔtwe yi, ɛnsɛ sɛ wɔsane no firi kyekyerɛ yi mu homeda?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Adɛn nti na Abraham aseni yi a ɔbonsam afa no nnommum mfe dunwɔtwe ni no ɛnsɛ sɛ mesa no yare homeda?”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

16 Na hwɛ, ɔbaa yi a ɔyɛ Abraham babaa a Satan akyekyere no mfirinhyia dunwɔtwe yi, ɛnsɛ sɛ wɔsane no firi kyekyerɛ yi mu homeda?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Adɛn enti na Abraham aseni yi a ɔbonsam afa no dommum mfeɛ dunwɔtwe ni no, ɛnsɛ sɛ mesa no yadeɛ homeda?”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 Na hwɛ, ɔbea yi a ɔyɛ Abraham babea a Satan akyekyere no mfirihyia dunwɔtwe yi, ɛnsɛ sɛ wɔsan no fi ɔhaw yi mu homeda?

Ver Capítulo Copiar




Luka 13:16
11 Referencias Cruzadas  

Ɔyii wɔn firii sum ne sum kabii mu, na ɔbubuu wɔn mpokyerɛ mu.


Ɛnna Yesu see no sɛ: Firi hɔ, Satan! na wɔatwerɛ sɛ: Koto sɔre Awurade, wo Nyankopɔn, na ɔno nko ara na som no.


Na ɔsee wɔn sɛ: Onipa nti na wɔyɛɛ homeda, na ɛnyɛ homeda nti na wɔyɛɛ nnipa.


Na ɔteaa mu sɛ: Agya Abraham, hu me mmɔbɔ, na soma Lasaro ma no mfa ne nsateaa ano nkɔbɔ nsuo mu, na ɔmfa mmɛdwodwo me tɛkyerɛma; na merehunu amane ogyaframa yi mu.


Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Apa ara, ɛnnɛ na nkwagyeɛ aba fie yi mu, ɛfiri sɛ ɔno nso yɛ Abraham ba.


Na afei monso aba a ɛfata adwensakyera, na mommfiri aseɛ nnka no mo mu sɛ: Yɛn agya ne Abraham; na mese mo sɛ, Onyankopɔn bɛtumi anyane mma afiri aboɔ yi mu ama Abraham.


Mo deɛ, mo agya a mofiri ne mu ne ɔbonsam, na mo agya no akɔnnɔdeɛ na mopɛ sɛ moyɛ. Ɔno na ɔyɛ owudifoɔ firi mfitiaseɛ, na ɔnnyina nokorɛ so; ɛfiri sɛ nokorɛ nni ne mu. Sɛ ɔka atorosɛm a, ɛfiri ɔno ara ne mu na ɔka; ɛfiri sɛ ɔyɛ ɔtorofoɔ ne atorɔ agya.


Anuanom, Abraham asefoɔ ne mo mu nnipa a mosuro Onyankopɔn no, yɛn na wɔasoma nkwagyeɛ asɛm yi abrɛ yɛn.


na wɔn ani so atete afiri ɔbonsam a wakyere wɔn sɛ wɔnyɛ deɛ ɔpɛ no afidie mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios