Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 12:7 - Twerɛ Kronkron

7 Na mo tirinwi mpo wɔakan ne nyinaa. Enti monnsuro, mosene mpatuprɛ bebree.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Mo tinwi mpo wɔakan ne nyinaa. Enti munnsuro, efisɛ mosom bo sen nkasanoma pii.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

7 Na mo tirinwi mpo wɔakan ne nyinaa. Enti monnsuro, mosene mpatuprɛ bebree.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Mo tirinwi mpo, wɔakan ne nyinaa. Enti, monnsuro, ɛfiri sɛ, mosom bo sene akasanoma dodo biara.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Na mo ti nwi mpo wɔakan ne nyinaa. Enti munnsuro, mosen nkasanoma bebree.

Ver Capítulo Copiar




Luka 12:7
10 Referencias Cruzadas  

Na ɔbaa no kaa sɛ: Ma ɔhene nkae AWURADE wo Nyankopɔn, na mogya ho weretɔfoɔ no ansane ankum bio, na wɔankum me ba. Na ɔse: Sɛ AWURADE te aseɛ yi, wo ba nwi baako mpo rentɔ fam!


deɛ ɔkyerɛ yɛn nimdeɛ sene asase so mmoa, na ɔkyerɛ yɛn nyansa sene ɔsoro nnomaa no.


Woama no adi wo nsa ano nnwuma so, wode nnoɔma nyinaa ahyɛ ne nan ase:


Onipa nsom bo nsene odwan anaa? Enti ɛwɔ ho kwan sɛ wɔyɛ papa homeda.


Monhwɛ wiem nnomaa sɛ wɔngu na wɔntwa na wɔmmoaboa ano ngu asan soɔ, nanso mo soro Agya yɛne wɔn; na monsom boɔ nsene wɔn anaa?


Na mo tirinwi mu biara mpo renyera.


Enti mesrɛ mo sɛ monnidi, na ɛno nso bɛgye mo nkwa bi. Na mo mu biara nwi baako mpo rentu mfiri ne tiri so ntɔ.


Na ɛdɔm no ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Yonatan a wayɛ Israel mu ɔgyeɛ adwuma kɛseɛ yi nwu anaa? Ɛmpare no! Sɛ AWURADE te aseɛ yi, ne tirinwi baako mpo rentɔ fam, ɛfiri sɛ ɔne Onyankopɔn na ayɛ adeɛ nnɛ da yi. Na ɔman no gyee Yonatan na wanwu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios