Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 11:18 - Twerɛ Kronkron

18 Na sɛ Satan nso ne ne ho di mpaepaemu a, ɛbɛyɛ dɛn na n’ahennie agyina? Sɛ mose: Menam Beelsebul so na metu ahonhommɔne.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Na sɛ ɔbonsam nso ko tia ne ho a, ɛbɛyɛ dɛn na nʼahenni begyina? Nea enti a mereka saa asɛm yi ne sɛ, muse menam Beelsebul tumi so na mitu ahonhommɔne.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

18 Na sɛ Satan nso ne ne ho di mpaepaemu a, ɛbɛyɛ dɛn na n’ahennie agyina? Sɛ mose: Menam Beelsebul so na metu ahonhommɔne.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Na sɛ ɔbonsam nso ko tia ne ho a, ɛbɛyɛ dɛn na nʼahennie agyina? Deɛ enti a mereka saa asɛm yi ne sɛ, mose menam Beelsebul tumi so na metu ahonhommɔne.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

18 Na sɛ Satan nso ne ne ho di mpaepaemu a, ɛbɛyɛ dɛn na n’ahenni agyina? Sɛ muse: Menam Beelsebul so na etu ahonhommɔne.

Ver Capítulo Copiar




Luka 11:18
7 Referencias Cruzadas  

Ɛdɔɔso ma osuani sɛ ɔbɛyɛ sɛ ne kyerɛkyerɛfoɔ ne akoa sɛ ɔbɛyɛ sɛ ne wura; na sɛ wɔafrɛ efie wura no Beelsebul a, mprɛ ahe na wɔremfa mfrɛ ne fiefoɔ?


Na sɛ Satan tu Satan a, na ɔne ne ho adi mpaepaemu; na ɛbɛyɛ dɛn na n’ahennie agyina?


Ɛnna Yesu see no sɛ: Firi hɔ, Satan! na wɔatwerɛ sɛ: Koto sɔre Awurade, wo Nyankopɔn, na ɔno nko ara na som no.


Na ne ho asɛm trɛ kɔɔ Siria nyinaa, na wɔde wɔn a wɔyareɛ nyinaa, a nyarewa ne ɔhaw ahodoɔ akuta wɔn, wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn soɔ, wɔn a wɔyare ɛtwirɛ ne wɔn a wɔyare mmubuo brɛɛ no na ɔsaa wɔn yadeɛ.


Na wɔn mu binom kaa sɛ: Ɔnam ahonhommɔne panin Beelsebul so na ɔtu ahonhommɔne.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios