Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 10:26 - Twerɛ Kronkron

26 Na Yesu bisaa no sɛ: Ɛdeɛn na wɔatwerɛ mmara no mu? Wokenkan no sɛn?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

26 Yesu nso bisaa no se, “Dɛn na wɔakyerɛw wɔ Mose mmara no mu? Na wote ase dɛn?”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

26 Na Yesu bisaa no sɛ: Ɛdeɛn na wɔatwerɛ mmara no mu? Wokenkan no sɛn?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

26 Yesu nso bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na wɔatwerɛ wɔ Mose mmara no mu? Na wote aseɛ sɛn?”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

26 Na Yesu ka kyerɛɛ no se: Dɛn na wɔakyerɛw mmara no mu? Wokan no dɛn?

Ver Capítulo Copiar




Luka 10:26
8 Referencias Cruzadas  

Wɔnni mmara ne adanseɛ no akyi! Sɛ wɔanka no sɛdeɛ asɛm yi teɛ a, ɛnneɛ adeɛ renkye wɔn.


Na hwɛ, mmarakyerɛni bi sɔre gyinaa hɔ sɔɔ no hwɛe sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, menyɛ dɛn na manya daa nkwa?


Na ɔbuaa sɛ: Fa w’akoma nyinaa, ne wo kra nyinaa, ne w’ahoɔden nyinaa, ne w’adwene nyinaa dɔ Awurade wo Nyankopɔn; na dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.


Na Mose twerɛ tenenee a ɛfiri mmara mu no ho asɛm sɛ: Onipa ko a ɔdi yei soɔ no bɛnya mu nkwa.


Na yɛnim sɛ biribiara a mmara seɛ no, ɛka kyerɛ wɔn a wɔwɔ mmara no ase, na wɔamua obiara ano, na wiase nyinaa aba Nyankopɔn atemmuo mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios