Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 10:25 - Twerɛ Kronkron

25 Na hwɛ, mmarakyerɛni bi sɔre gyinaa hɔ sɔɔ no hwɛe sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, menyɛ dɛn na manya daa nkwa?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

25 Mmaranimfo bi pɛɛ sɛ ɔsɔ Yesu hwɛ nti obisaa no se, “Kyerɛkyerɛfo, menyɛ dɛn na manya nkwa a enni awiei?”

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

25 Na hwɛ, mmarakyerɛni bi sɔre gyinaa hɔ sɔɔ no hwɛe sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, menyɛ dɛn na manya daa nkwa?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

25 Mmaranimfoɔ bi pɛɛ sɛ ɔsɔ Yesu hwɛ enti ɔbisaa no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, menyɛ dɛn na manya nkwa a ɛnni awieeɛ?”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

25 Na hwɛ, mmarakyerɛfo bi sɔre gyinaa hɔ sɔɔ no hwɛe sɛ: Kyerɛkyerɛfo, menyɛ dɛn na manya daa nkwa?

Ver Capítulo Copiar




Luka 10:25
13 Referencias Cruzadas  

Na ɔfirii adi kɔɔ ɔkwan soɔ no, obi tutuu mmirika bɛkotoo n’anim bisaa no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ pa, ɛdeɛn na menyɛ, na manya daa nkwa?


Na ɔbua see wɔn sɛ: Ɛdeɛn na Mose hyɛɛ mo no?


Na Atwerɛfoɔ no mu baako a ɔtee sɛ wɔregye akyinnyeɛ, na ɔhunuu sɛ wabua wɔn yie no ba bɛbisaa no sɛ: Mmara asɛm a ɛdi ne nyinaa kan ne deɛ ɛwɔ he?


na mese mo sɛ, adiyifoɔ ne ahemfo bebree pɛɛ sɛ anka wɔhunu nnoɔma a mohunu yi, na wɔanhunu, na wɔte nsɛm a moteɛ yi, na wɔante.


Na Yesu bisaa no sɛ: Ɛdeɛn na wɔatwerɛ mmara no mu? Wokenkan no sɛn?


Na ɔpanin bi bisaa no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ pa, ɛdeɛn na menyɛ na manya daa nkwa?


na Farisifoɔ ne mmarakyerɛfoɔ no deɛ, wɔpoo Nyankopɔn tirim asɛm a ɛwɔ hɔ ma wɔn, na wɔamma wammɔ wɔn asu.)


Na yei deɛ, wɔka de sɔɔ no hwɛe, na wɔanya biribi akɔtoto n’ano. Na Yesu brɛɛ ne mu ase, de ne nsateaa twerɛtwerɛɛ fam.


Na sɛ apɛgyadeɛ no firi mmara mu a, ɛnneɛ na ɛmfiri bɔhyɛ mu bio; na Abraham deɛ bɔhyɛ so na Onyankopɔn nam de kyɛɛ no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios