Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 10:10 - Twerɛ Kronkron

10 Na kuro biara a mobɛkɔ mu na wɔrennye mo no, momfiri adi nkɔ kuro no abɔntene so, na monka sɛ:

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Nanso sɛ mokɔ kurow biara mu na wɔannye mo fɛw so a monkɔ ne mmɔnten so nkɔpae mu nka se,

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

10 Na kuro biara a mobɛkɔ mu na wɔrennye mo no, momfiri adi nkɔ kuro no abɔntene so, na monka sɛ:

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Nanso, sɛ mokɔ kuro biara mu na wɔannye mo fɛw so a, monkɔ ne mmɔntene so nkɔpae mu nka sɛ,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Na kurow biara a mobɛkɔ mu na wɔrennye mo no, mumfi adi nkɔ kurow no abɔnten so, na monka sɛ:

Ver Capítulo Copiar




Luka 10:10
7 Referencias Cruzadas  

Na sɛ wɔtie oo, wɔantie oo, (ɛfiri sɛ abusua atuatefoɔ ne wɔn nti), ɛnyɛ dɛn ara a, wɔbɛhunu sɛ odiyifoɔ bi aba wɔn mu.


Na obiara a ɔrennye mo na ɔrentie mo nsɛm no, mofiri efie anaa kuro no mu rekɔ a, momporoporo mo nan ase mfuturo.


Mfuturo a ɛfiri mo kuro mu, a ahura yɛn nan ho mpo, yɛreprapra agu mo so; na ɛyɛ dɛn ara a, monhunu yei sɛ Nyankopɔn ahennie abɛn mo.


Na monsa emu ayarefoɔ yadeɛ, na monka nkyerɛ wɔn sɛ: Nyankopɔn ahennie abɛn mo.


Na wɔn a wɔrennye mo no, mofiri kurom hɔ rekɔ a, momporoporo mo nan ase mfuturo mfa nni adanseɛ ntia wɔn.


Ɛnna wɔporoporoo wɔn nan ase mfuturo guu wɔn soɔ, na wɔbaa Ikonium.


Na wɔtuaa ano na wɔkaa abususɛm no, ɔporoo n’atadeɛ mu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo mogya ngu mo ara mo atifi; me deɛ, me ho afi. Ɛfiri nnɛ merekɔ amanaman no mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios