Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 10:1 - Twerɛ Kronkron

1 Yeinom akyiri no, Awurade yii nnipa aduɔson bio, na ɔsomasomaa wɔn baanu baanu dii n’anim kɔɔ kuro biara ne baabiara a ɔno ara rebɛkɔ hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Eyi akyi no, Yesu yii nʼakyidifo no mu aduɔson somaa wɔn baanu baanu kɔɔ nkurow ne nkuraa a akyiri no ɔbɛkɔ hɔ no so.

Ver Capítulo Copiar

New Revised Asante Twi Bible

1 Yeinom akyiri no, Awurade yii nnipa aduɔson bio, na ɔsomasomaa wɔn baanu baanu dii n’anim kɔɔ kuro biara ne baabiara a ɔno ara rebɛkɔ hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Yei akyi, Yesu yii nʼakyidifoɔ no mu aduɔson somaa wɔn baanu baanu kɔɔ nkuro ne nkuraa a akyire no ɔbɛkɔ hɔ no so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Eyinom akyi no, Awurade yii nnipa aduɔsɔn bio,

Ver Capítulo Copiar




Luka 10:1
14 Referencias Cruzadas  

Na mmarima aduɔson a wɔfiri Israel fie mpanimfoɔ mu a Safan ba Yaasania gyina wɔn mu gyinagyina wɔn anim, na wɔn aduhwamhyeɛ kukuo kurakura wɔn nsam, na aduhwamhyeɛ wisie no hwa sɔree.


Ɛnna AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Boaboa Israel mpanimfoɔ mu mmarima aduɔson ano ma me, nnipa a wonim wɔn sɛ wɔyɛ ɔman no mpanimfoɔ ne wɔn atwerɛfoɔ, na fa wɔn bra ahyiaeɛ ntomadan no ho, na wɔne wo mmɛgyina hɔ.


Na ɔde Elia honhom ne ahoɔden bɛdi n’anim akɔdane agyanom akoma aba wɔn mma so ne asoɔdenfoɔ akɔ teneneefoɔ adwene ho, na wasiesie ɔman a wɔaboaboa wɔn ho no de ama Awurade.


Na wo, abɔfra yi, wɔbɛfrɛ wo Ɔsorosoroni no diyifoɔ; ɛfiri sɛ wobɛdi Awurade anim akɔsiesie n’akwan,


Na Awurade hunuu ɔbaa no no, ɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Nsu!


Na Yohane frɛɛ n’asuafoɔ no mu baanu somaa wɔn kɔɔ Awurade nkyɛn sɛ: Wone deɛ ɔreba no anaasɛ yɛntwɛn ɔfoforɔ?


Na ɔsomaa abɔfoɔ dii n’anim; na wɔkɔeɛ no, wɔkɔhyɛnee Samariafoɔ akuraa bi ase sɛ wɔrekɔsiesie hɔ ama no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios